1 Mose 20 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Mose 20:1-18

Abraham Ne Abimelek

1Afei, Abraham tu fii hɔ kɔɔ anafo mantam asase bi a wɔfrɛ no Negeb kɔtenaa nkurow Kades ne Sur ntam. Ɔtenaa Gerar kakra. 2Abraham maa nnipa no tee ase sɛ, Sara yɛ ne nuabea. Enti, Gerarhene Abimelek soma kɔfaa Sara baa nʼahemfi.

3Nanso Onyankopɔn soo Abimelek dae, ka kyerɛɛ no se, “Wosɛ owu, efisɛ ɔbea a woakɔfa no no yɛ obi yere.”

4Nanso na Abimelek nnya ne Sara nnae, enti ɔkae se, “Awurade, enti wobɛsɛe onipa a ɔnyɛɛ bɔne bi? 5Abraham ka kyerɛɛ me se, ‘Ɔyɛ me nuabea.’ Na Sara no nso kae se, ‘Ɔyɛ me nuabarima.’ Enti mede adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea meyɛe no.”

6Na Onyankopɔn soo Abimelek dae bio ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ nokware turodoo sɛ, wode adwene mu fann ne koma mu tew na ɛyɛɛ nea woyɛe no; ɛno nti, mamma woanyɛ bɔne antia me. Ɛno nti na mamma woamfa wo ho anka no no. 7Ne saa nti san fa ɔbarima no yere no kɔma no, efisɛ saa ɔbarima no yɛ odiyifo a obetumi abɔ mpae ama wo ama woatena. Na sɛ woansan amfa no ankɔma no a, hu sɛ, wo ne wʼasefo nyinaa bewuwu.”

8Ade kyee anɔpatutuutu no, Abimelek frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa bɔɔ wɔn nsɛm a asisi no ho amanneɛ. Na wosuroo yiye. 9Afei, Abimelek frɛɛ Abraham ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na woayɛ yɛn yi? Bɔne bɛn na mayɛ wo a woakɔfa afɔbusɛm kɛse a ɛte sɛɛ yi abɛto me ne me man so yi? Ade a wode ayɛ me yi nyɛ ade a anka ɛsɛ sɛ wode yɛ me.” 10Afei, Abimelek bisaa Abraham se, “Dɛn adwene na ɛkaa wo a ɛma woyɛɛ saa?”

11Abraham buae se, “Misusuwii sɛ nokware, Onyankopɔn biara nni mo mu, na me yere nti, mubekum me. 12Eyi akyi no, ampa ara, ɔyɛ me nuabea. Yefi agya koro na yemfi ɛna koro. Ɛno nti na mewaree no no. 13Na bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ me Abraham se mintu mfi mʼagya fi nkɔ asase a ɔbɛkyerɛ me so no. Me nso, meka kyerɛɛ Sara se, ‘Adɔe a ɛsɛ sɛ woyɛ me ni: baabiara a yebedu no, ka se meyɛ wo nuabarima.’ ”

14Enti Abimelek de nguan, anantwi, nkoa ne mfenaa brɛɛ Abraham. Na ɔde ne yere Sara san brɛɛ no. 15Abimelek kae se, “Mʼasasetam na ɛda wʼanim yi, ɛso baabiara a wopɛ sɛ wotena no, fa.”

16Abimelek ka kyerɛɛ Sara nso se, “Mede dwetɛ kilogram dubaako ne fa rema wo nuabarima no. Eyi ne mpata a mede rema wo wɔ bɔne a wɔde too wo so no, wɔ wɔn a wɔka wo ho no nyinaa anim. Asodi biara nna wo so.”

17Enti Abraham bɔɔ mpae, srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnsa ɔhene Abimelek, ɔhemmea ne mfenaa a wɔwɔ fie hɔ no yare mma wɔnwo mma. 18Esiane Abraham yere Sara nti, Awurade too Abimelek fifo nyinaa yafunu mu de twee Abimelek aso.