1 Korintofo 16 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 16:1-24

Towyi

1Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafomma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka kyerɛɛ Galati asafo ahorow sɛ wɔnyɛ no bi. 2Kwasida biara sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a ɛremma munyi tow. 3Sɛ meba hɔ a mɛkyerɛw adansedi krataa de asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem. 4Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba.

Paulo Nhyehyɛe

5Sɛ mifi Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, efisɛ mɛfa hɔ. 6Ebia medi nna kakra wɔ mo nkyɛn, anaa mpo medi awɔwbere no wɔ mo nkyɛn, na moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. 7Mempɛ sɛ midi nna tiaa bi wɔ mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidaso sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ. 8Nanso mɛtena Efeso ha yi akosi Pentekoste da no. 9Ɛwɔ mu sɛ wɔn a wɔasɔre atia me no dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi afa so adi dwuma pa wɔ ha.

10Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔho, efisɛ ɔreyɛ Awurade adwuma sɛnea meyɛ yi ara. 11Obiara mmu no abomfiaa, na mmom mommoa no na ontu ne kwan yi asomdwoe mu na watumi asan abɛka me nsa, efisɛ merehwɛ ɔne anuanom no anim.

12Onua Apolo nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a wɔaka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba mprempren ara. Sɛ onya kwan de a, ɔbɛba.

13Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden. 14Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa.

15Munim Stefana ne ne fifo ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdan bɛyɛɛ Kristofo kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfo. Mesrɛ mo, me nuanom, 16sɛ mommrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa ne wɔn a wodi saa dwuma no bi no. 17Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbae no ho. Wobesii mo anan 18na wɔama mʼani agye sɛnea wɔmaa mo ani gyei no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no.

19Asafo a wɔwɔ Asia no kyia mo.

Akwila ne Priska ne asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso kyia mo.

20Anuanom a wɔwɔ ha no kyia mo.

Momfa ɔdɔ nkyiakyia mo ho mo ho.

21Me ara me nsa ano nkyerɛw ni: Me Paulo, mikyia mo.

22Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!”

23Awurade Yesu adom mmra mo so.

24Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

哥林多前書 16:1-24

捐助聖徒

1至於捐款幫助聖徒這件事,你們可以照我吩咐加拉太各教會的方法辦理。 2每逢週日,各人應按照自己的收入抽出一部分留起來,免得我到的時候才現湊。 3我到了以後,會差遣你們委託的人帶著推薦信把你們的捐款送到耶路撒冷4如果我也需要去的話,他們可以跟我一起去。

保羅的計劃

5我正打算從馬其頓經過,過了馬其頓,我就去探望你們。 6我也許會和你們住一段時期,甚至在你們那裡過冬。之後,我無論去什麼地方,你們都可以給我送行。 7我不想只是現在順道探望你們,主若許可,我盼望能夠和你們同住一段時期。 8我會在以弗所停留到五旬節, 9因為大門為我敞開了,工作很有成效,不過反對我的人也很多。

10提摩太到了以後,你們要好好接待他,讓他在你們那裡安心,因為他和我一樣,都是在為主做工。 11所以誰也不許輕視他。你們要幫助他平安地回到我這裡,我正在等候他和弟兄們同來。 12至於亞波羅弟兄,我雖然再三勸他和弟兄們去你們那裡,但他目前還不願啟行。不過他有機會就會去。

勸勉與問候

13你們要警醒,在信仰上堅定不移,做勇敢剛強的人。 14無論做什麼事,都要有愛心。

15弟兄姊妹,你們都知道司提法納一家在亞該亞是最早信主的16·15 最早信主的」希臘文是「最早的果子」。,也知道他們怎樣盡心竭力地服侍聖徒。 16你們要順服這樣的人,也要順服所有同心努力服侍的人。 17我很高興司提法納福徒拿都亞該古來我這裡,因為你們幫不到我的地方,他們都補足了。 18他們使我和你們心裡都感到十分欣慰,你們要敬重這樣的人。

19亞細亞的各教會問候你們。亞居拉百基拉夫婦和常在他們家裡聚會的信徒,奉主的名衷心地向你們問安。 20全體弟兄姊妹都問候你們。你們要以聖潔的吻彼此問候。

21保羅親筆問候你們。

22如果有人不愛主,這人可咒可詛!主啊,我願你來!

23願主耶穌基督的恩典與你們同在! 24我在基督耶穌裡愛你們所有的人。阿們!