1 Korintofo 15 – AKCB & KJV

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 15:1-58

Kristo Wusɔre

1Afei anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mugye too mu, nam so maa mo gyidi mu yɛɛ den no ho. 2Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mukura asɛmpa yi mu dennen a, mubenya nkwa; gye sɛ moannye anni.

3Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm no mu se 4wosiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, 5ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafo dumien no nyinaa. 6Afei mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifo bɛboro ahannum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. 7Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafo no nyinaa. 8Akyiri no koraa na oyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm.

9Meyɛ obi a misua koraa wɔ asomafo no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo efisɛ metaa Onyankopɔn asafo. 10Nanso Onyankopɔn adom nti, mete sɛnea mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yiye. Ama matumi ayɛ adwuma dennen asen asomafo a aka no nyinaa a emfi mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu. 11Enti sɛ efi me anaa efi wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mugye di.

Owusɔre

12Afei sɛnea Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afi awufo mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka se wɔrentumi mma awufo nsɔre? 13Sɛ saa yɛ nokware de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu. 14Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yenni asɛm biara ka, na mo nso munni asɛm biara a mubegye adi. 15Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atoro afa Onyankopɔn ho, efisɛ yɛka se ɔno na onyan Kristo fii awufo mu. Na sɛ awufo ntumi nsɔre a, ɛno de na wɔamma Kristo nso ansɔre amfi awufo mu. 16Sɛ awufo ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. 17Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na mo gyidi no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu. 18Ɛsan kyerɛ sɛ, wɔn a na wogye Kristo di a wɔawuwu no ayera. 19Na sɛ yɛn anidaso wɔ Kristo mu no ye ma saa asetena yi nko ara a, ɛno de na yɛyɛ mmɔbɔ sen obiara a ɔwɔ wiase ha.

20Nanso nokware a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afi awufo mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre. 21Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba. 22Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. 23Nanso, biribiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na sɛ Kristo di kan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne de no nso adi akyi. 24Afei, sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfo ahoɔden ne tumi nyinaa a, awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. 25Efisɛ ɛsɛ sɛ Kristo di hene kosi sɛ obedi nʼatamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ nʼanan ase. 26Ɔtamfo a obedi ne so atwa to ne owu. 27Sɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase. 28Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no ase; na Onyankopɔn adi biribiara so.

29Sɛ owusɔre nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufo din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne dɛn? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ nea wɔka se, wonnyan awufo mma nkwa mu a, adɛn nti na wɔbɔ awufo din bɔ wɔn asu? 30Na adɛn na dɔnhwerew biara yɛde yɛn ho to amane mu? 31Anuanom, da biara mihyia owu. Esiane Yesu nti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu no na ɛma meka eyi. 32Na sɛ ako a me ne “nkekammoa” dii wɔ Efeso no mu anidaso mmoro nnipa de so a anka dɛn na manya? Na sɛ wonnyan awufo mma nkwa mu a, ɛno de

“Momma yennidi na yɛnnom,

efisɛ ɔkyena yebewu” sɛnea wɔka no.

33“Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” 34Momma mo ani mmra mo ho so sɛnea ɛsɛ na mumfi mo akwammɔne no so. Meka eyi de hyɛ mo aniwu sɛ mo mu ebinom nnim Onyankopɔn.

Onipadua Wusɔre

35Obi bebisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi ama awufo asɔre aba nkwa mu? Wɔde nipaduasu bɛn na ɛbɛba?” 36Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ewu ansa na afifi. 37Na nea wodua wɔ fam no yɛ aba kɛkɛ; ebia ɛyɛ ɔmo aba anaa aba foforo a ɛnyɛ afifide no a wɔatu atɛw a, ebenyin. 38Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no. 39Honam a ɛkata ateasefo ho no nyinaa nyɛ honam koro. Nnipa wɔ honam baako; mmoa wɔ wɔn de; nnomaa wɔ wɔn de na nsumnam nso wɔ wɔn de. 40Ɔsoro nipadua wɔ hɔ na fam nipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro nipadua nko ara, na ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma fam nipadua. 41Owia wɔ nʼankasa ahoɔfɛ. Ɔsram wɔ ne de nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahorow; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛsu ahorow.

42Sɛ wɔma awufo sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wosie nipadua no a, ɛporɔw; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔw. 43Sɛ wosie nipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛw, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na enya ahoɔden. 44Sɛ wosie nipadua no a, ɛyɛ honam, na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom.

Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ. 45Kyerɛwsɛm no ka se, “Na Adam a odi kan no yɛ onipa teasefo” nanso Adam a otwa to no yɛ Honhom a ɔma nkwa. 46Ɛnyɛ honhom muni na ɔbaa kan. Ɔbaa wɔ nea okura honam fam nipadua no akyi. 47Wɔde fam mfutuma na ɛbɔɔ Adam a odi kan no. Adam a ɔto so abien no fi ɔsoro. 48Wɔn a wɔte asase so no te sɛ nea wɔde dɔte bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wofi ɔsoro. 49Sɛnea yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔte bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ofi ɔsoro no.

50Anuanom, nea mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, nea wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn ahenni no mu; na nea ɛporɔw no ntumi ntena hɔ. 51Muntie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso bere tiaa bi mu, wɔbɛsakra yɛn nyinaa; 52sɛ torobɛnto a etwa to no bɔ a, nsakrae no bɛyɛ anibuei. Sɛ ɛbɔ a, awufo bɛdan ateasefo na yɛn nyinaa bɛsakra. 53Na nea ɛporɔw no de nea ɛmporɔw akata ne ho, na nea ewu no de nea enwu akata ne ho. 54Enti nea ɛporɔw de nea ɛmporɔw kata ne ho na nea ebewu de nea ɛrenwu kata ne ho a, Kyerɛwsɛm no bɛba mu se, “Wɔasɛe owu; nkonim aba!”

55“Owu, wo nkonim wɔ he?

Owu, wo nwowɔe wɔ he?”

56Owu nya ne tumi fi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi fi mmara no mu. 57Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase!

58Enti me nuanom, munnyina pintinn. Mommma biribiara nhinhim mo. Da biara monyɛ Awurade adwuma, efisɛ munim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da.

King James Version

1 Corinthians 15:1-58

1Moreover, brethren, I declare unto you the gospel which I preached unto you, which also ye have received, and wherein ye stand; 2By which also ye are saved, if ye keep in memory what I preached unto you, unless ye have believed in vain. 3For I delivered unto you first of all that which I also received, how that Christ died for our sins according to the scriptures; 4And that he was buried, and that he rose again the third day according to the scriptures: 5And that he was seen of Cephas, then of the twelve: 6After that, he was seen of above five hundred brethren at once; of whom the greater part remain unto this present, but some are fallen asleep. 7After that, he was seen of James; then of all the apostles. 8And last of all he was seen of me also, as of one born out of due time. 9For I am the least of the apostles, that am not meet to be called an apostle, because I persecuted the church of God. 10But by the grace of God I am what I am: and his grace which was bestowed upon me was not in vain; but I laboured more abundantly than they all: yet not I, but the grace of God which was with me. 11Therefore whether it were I or they, so we preach, and so ye believed. 12Now if Christ be preached that he rose from the dead, how say some among you that there is no resurrection of the dead? 13But if there be no resurrection of the dead, then is Christ not risen: 14And if Christ be not risen, then is our preaching vain, and your faith is also vain. 15Yea, and we are found false witnesses of God; because we have testified of God that he raised up Christ: whom he raised not up, if so be that the dead rise not. 16For if the dead rise not, then is not Christ raised: 17And if Christ be not raised, your faith is vain; ye are yet in your sins. 18Then they also which are fallen asleep in Christ are perished. 19If in this life only we have hope in Christ, we are of all men most miserable. 20But now is Christ risen from the dead, and become the firstfruits of them that slept. 21For since by man came death, by man came also the resurrection of the dead. 22For as in Adam all die, even so in Christ shall all be made alive. 23But every man in his own order: Christ the firstfruits; afterward they that are Christ’s at his coming. 24Then cometh the end, when he shall have delivered up the kingdom to God, even the Father; when he shall have put down all rule and all authority and power. 25For he must reign, till he hath put all enemies under his feet. 26The last enemy that shall be destroyed is death. 27For he hath put all things under his feet. But when he saith all things are put under him, it is manifest that he is excepted, which did put all things under him. 28And when all things shall be subdued unto him, then shall the Son also himself be subject unto him that put all things under him, that God may be all in all. 29Else what shall they do which are baptized for the dead, if the dead rise not at all? why are they then baptized for the dead? 30And why stand we in jeopardy every hour? 31I protest by your rejoicing which I have in Christ Jesus our Lord, I die daily. 32If after the manner of men I have fought with beasts at Ephesus, what advantageth it me, if the dead rise not? let us eat and drink; for to morrow we die. 33Be not deceived: evil communications corrupt good manners. 34Awake to righteousness, and sin not; for some have not the knowledge of God: I speak this to your shame.

35But some man will say, How are the dead raised up? and with what body do they come? 36Thou fool, that which thou sowest is not quickened, except it die: 37And that which thou sowest, thou sowest not that body that shall be, but bare grain, it may chance of wheat, or of some other grain: 38But God giveth it a body as it hath pleased him, and to every seed his own body. 39All flesh is not the same flesh: but there is one kind of flesh of men, another flesh of beasts, another of fishes, and another of birds. 40There are also celestial bodies, and bodies terrestrial: but the glory of the celestial is one, and the glory of the terrestrial is another. 41There is one glory of the sun, and another glory of the moon, and another glory of the stars: for one star differeth from another star in glory. 42So also is the resurrection of the dead. It is sown in corruption; it is raised in incorruption: 43It is sown in dishonour; it is raised in glory: it is sown in weakness; it is raised in power: 44It is sown a natural body; it is raised a spiritual body. There is a natural body, and there is a spiritual body. 45And so it is written, The first man Adam was made a living soul; the last Adam was made a quickening spirit. 46Howbeit that was not first which is spiritual, but that which is natural; and afterward that which is spiritual. 47The first man is of the earth, earthy: the second man is the Lord from heaven. 48As is the earthy, such are they also that are earthy: and as is the heavenly, such are they also that are heavenly. 49And as we have borne the image of the earthy, we shall also bear the image of the heavenly. 50Now this I say, brethren, that flesh and blood cannot inherit the kingdom of God; neither doth corruption inherit incorruption. 51Behold, I shew you a mystery; We shall not all sleep, but we shall all be changed, 52In a moment, in the twinkling of an eye, at the last trump: for the trumpet shall sound, and the dead shall be raised incorruptible, and we shall be changed. 53For this corruptible must put on incorruption, and this mortal must put on immortality. 54So when this corruptible shall have put on incorruption, and this mortal shall have put on immortality, then shall be brought to pass the saying that is written, Death is swallowed up in victory. 55O death, where is thy sting? O grave, where is thy victory? 56The sting of death is sin; and the strength of sin is the law. 57But thanks be to God, which giveth us the victory through our Lord Jesus Christ. 58Therefore, my beloved brethren, be ye stedfast, unmoveable, always abounding in the work of the Lord, forasmuch as ye know that your labour is not in vain in the Lord.