1 Korintofo 10 – AKCB & SNC

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Korintofo 10:1-33

Ahoni Ho Kɔkɔbɔ

1Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nenanom a wodii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Po Kɔkɔɔ no mu asomdwoe mu. 2Wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifo wɔ omununkum ne po no mu. 3Wɔn nyinaa dii honhom fam aduan 4na wɔnom honhom fam anonne. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsu; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa. 5Eyinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ sare no so hɔ.

6Mprempren, eyinom nyinaa yɛ nhwɛso ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi bɔne akyi sɛnea wɔyɛɛ no, 7na ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛnea wɔn mu bi yɛe no. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wogoruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.” 8Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, sɛnea wɔn mu bi yɛe no na da koro wɔn mu mpem aduonu abiɛsa wuwui no. 9Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛnea wɔn mu bi yɛ maa awɔ kekaa wɔn kunkum wɔn no. 10Ɛnsɛ sɛ munwiinwii sɛnea wɔn mu bi yɛ maa ɔsɛe bɔfo sɛe wɔn no.

11Eyinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛso maa afoforo. Na wɔkyerɛw guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Efisɛ yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛ na bere no aba awiei. 12Obiara a osusuw sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase. 13Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano na woanya ho nyansa nso.

Morentumi Nhwɛ Afanu No

14Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfi ahonisom ho. 15Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafo. Asɛm a meka no mummua mfa. 16Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no ana? Brodo a yebubu mu no nso, sɛ yedi a, na ɛnyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ ana? 17Esiane sɛ brodo no yɛ baako na yedi no wɔ ɔhonam koro mu nti, ɛwɔ mu sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako.

18Monhwɛ Israelman. Wɔn a wodi afɔre aduan no ne afɔremuka no wɔ ayɔnkoyɛ. 19Mibisa se, afɔrebɔde a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? 20Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, nea wɔde abɔ afɔre wɔ ɔbosonsomni afɔremuka so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyehyɛ ahonhommɔne. 21Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade pon so na monsan nnidi wɔ ahonhommɔne pon nso so. 22Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yegye di sɛ yɛyɛ den sen no ana?

23Wɔka se, “Woama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso ɛnyɛ biribiara na eye. “Wɔama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso ɛnyɛ biribiara na etumi boa yɛn. 24Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiyedi na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforo nso yiyedi.

25Tiboa nti mutumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ gua so di a mummisa ho asɛm biara. 26Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Asase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.”

27Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, tiboa nti, aduan a ɔde bɛma wo biara no, di a wummisa ho asɛm biara. 28Nanso sɛ obi ka kyerɛ wo se, “Wɔde saa aduan yi maa ahoni” a, esiane nea ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa nti, nni saa aduan no. 29Ɛno nyɛ wo tiboa, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa. Obi bebisa se, “Adɛn nti na obi tiboa siw mʼahofadi ho kwan? 30Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduan ho a, adɛn nti na aduan a mada ho ase no obi ka ho asɛm?”

31Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. 32Monnyɛ biribiara mfa nhaw Yudafo anaa amanamanmufo anaa Onyankopɔn asafo. 33Monyɛ sɛnea meyɛ no. Mema obiara ani gye nea meyɛ ho a minnwen mʼankasa me yiyedi ho, na mmom midwen yɛn nyinaa yiyedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa.

Slovo na cestu

1. Korintským 10:1-33

Varování před falešnou jistotou

1Jenom si, bratři, připomeňme židovské dějiny! Boží oblak se rozprostíral nad všemi našimi předky, když odcházeli z Egypta, 2a všichni společně s Mojžíšem prošli mořem, v němž pohřbili svoji otrockou minulost. 3Všem bylo duchovní potravou stejné slovo od Boha 4a sílu čerpali všichni z téhož duchovního pramene, který je stále doprovázel – a to byl Kristus. 5A přesto se většina z nich svým jednáním Bohu znelíbila a našla svůj hrob na poušti. 6Nechť se nám stanou výstražným příladem.

Nebezpečí modloslužby

7-8Opusťte své modly, pohlavní nepřístojnosti a jiné neřády, abyste nedopadli jako oni: za jediný den jich pomřelo třiadvacet tisíc. 9Nesvádějte lidské špatnosti na Boha, 10-11neprovokujte ho, jako to dělali někteří z nich; a přivolali na sebe jedovaté hady a smrt. Vezměme si z toho ponaučení, mnoho času nám už nezbývá. 12Mějte se na pozoru – nejblíže pádu je ten, kdo si je sám sebou příliš jist. 13Až dosud vás nepotkalo nic, co by člověk nedokázal unést. Bůh vaši víru nezklame ani v dalších zkouškách: pokud je dopustí, dá vám i sílu vydržet a překonat je.

14-16Proto, moji drazí, co nejdál od modloslužby! Mluvím s vámi jako s rozumnými lidmi. Řekněte sami: neznamená snad kalich, který si vzájemně podáváme, že nás spojuje Kristova krev? A co jiného vyznáváme při lámání chleba než to, že jsme součástí Kristovou? 17Jako všechny ty kousky pocházejí z jednoho chleba, tak i my – ať je nás sebevíc – jsme tím jedním chlebem navzájem spojeni.

18Podívejte se na rodilé židy: tím, že jedí maso obětované na oltáři, hlásí se i oni k Bohu, kterému ten oltář patří. A stejný význam má pro pohany zase jejich pohanský oltář. 19Tím ovšem neříkám, že modla je snad bohem a že maso obětované modle je něco víc než obyčejné maso; samy o sobě ty věci neznamenají nic. 20Ale tím obřadem vzývají pohané démony místo Boha, a proto nechci, abyste se něčeho takového zúčastňovali. 21Nemůžete se přece současně hlásit k Bohu i ke zlým mocnostem. 22Nebo jsme snad tak silní, že si nemusíme nic dělat z Božího hněvu?

23Ano, křesťanu je všechno dovoleno, ale ne všechno je prospěšné. Vše je mi dovoleno, ale ne vše slouží k dobru také ostatním. 24Nesmíme si hledět jen svého vlastního zájmu, nýbrž především musíme dbát toho, co je dobré pro druhé.

25Tedy: co se prodává v obchodech, to jezte klidně a nelamte si hlavu původem jídla. 26Země i se vším, co je na ní, patří přece Bohu. 27Také na návštěvách jezte s klidným svědomím všechno, co vám hostitel předloží. 28-29Když vás však někdo upozorní, že to či ono jídlo leželo předtím na pohanském oltáři, nejezte to, abyste se nešetrně nedotkli jeho svědomí.

Jakže – moje svoboda má být omezována cizím svědomím? 30Což mě může někdo odsuzovat za to, co vděčně přijímám z Boží ruky?

31Milí bratři! Všechno, co děláme – ať už jde o jídlo nebo o pití či cokoliv jiného, všechno má sloužit k Boží oslavě. 32Nebuďte tedy kamenem úrazu ani židům, ani nevěrcům, ani křesťanům. 33I já se vždycky snažím vyjít každému vstříc a neohlížím se na sebe, nýbrž na dobro těch druhých, aby jich bylo zachráněno co nejvíc.

Tak mě tomu učí Kristus, dělejte to tak i vy.