1 Beresosɛm 6 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 6:1-81

Asɔfo Awo Ntoatoaso

1Na Lewi mmabarima yɛ:

Gerson, Kohat ne Merari.

2Na Kohat asefo nso yɛ:

Amram, Ishar, Hebron ne Usiel.

3Na Amram mma yɛ:

Aaron, Mose ne Miriam.

Na Aaron mmabarima yɛ:

Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

4Eleasar woo Pinehas.

Pinehas woo Abisua.

5Abisua woo Buki,

na Buki woo Usi.

6Usi woo Serahia. Serahia woo Meraiot.

7Meraiot woo Amaria,

na Amaria woo Ahitub.

8Ahitub woo Sadok,

na Sadok woo Ahimaas.

9Ahimaas woo Asaria.

Asaria woo Yohanan.

10Yohanan woo Asaria a

ɔno na na ɔyɛ ɔsɔfopanyin wɔ asɔredan a Salomo sii wɔ Yerusalem no mu.

11Asaria woo Amaria.

Amaria woo Ahitub.

12Ahitub woo Sadok.

Sadok woo Salum.

13Salum woo Hilkia.

Hilkia woo Asaria.

14Asaria woo Seraia.

Seraia woo Yehosadak.

15Wotwaa Yehosadak asu bere a Awurade de Yudafo ne Yerusalemfo kɔɔ nnommum mu a na wɔhyɛ Nebukadnessar ase no.

Lewifo Mmusua

16Na Lewi mmabarima din de

Gersom, Kohat ne Merari.

17Na Libni ne Simei ka Gersom asefo ho.

18Na Amram, Ishar, Hebron ne Usiel

ka Kohat asefo no ho.

19Na Mahli ne Musi

ka Merari asefo no ho.

Eyinom ne Lewifo mmusua sɛnea wɔn mpanyimfo nnidiso te.

20Na Gerson asefo yɛ:

Libni, Yahat,

Sima, 21Yoa,

Ido, Serah

ne Yeaterai.

22Na Kohat asefo ne

Aminadab, Kora,

Asir, 23Elkana,

Ebiasaf, Asir,

24Tahat, Uriel,

Usia ne Saulo.

25Na Elkana asefo ne:

Amasai, Ahimot,

26Sofai, Nahat,

27Eliab,

Yeroham, Elkana ne Samuel.

28Na Samuel mmabarima din ne:

Yoel a ɔyɛ ɔpanyin

ne Abiya a ɔto so abien no.

29Na Merari mma ne:

Mahli, Libni,

Simei, Usa,

30Simea, Hagia

ne Asaia.

Asɔredan Mu Nnwom Ho Nimdefo

31Dawid maa saa nnipa a wɔn din didi so yi dii Awurade fi nnwom anim, bere a wɔde Apam Adaka no sii hɔ no. 32Wɔde nnwom kaa wɔn som ho wɔ Ahyiae Ntamadan no mu hɔ kosii sɛ Salomo sii Awurade asɔredan no wɔ Yerusalem. Afei, wɔnam mmara a wɔde maa wɔn so dii wɔn dwuma wɔ hɔ.

33Saa mmarima yi na wɔne wɔn mma som wɔ hɔ no.

Heman, dwom ho nimdefo no, na ofi Kohat abusua mu.

Wɔto nʼabusua ana fi

Yoel, Samuel,

34Elkana, Yeroham,

Eliel, Yoa,

35Suf, Elkana,

Mahat, Amasai

36Elkana, Yoel,

Asaria, Sefania,

37Tahat, Asir,

Ebiasaf, Kora,

38Ishar, Kohat,

Lewi ne Israel ase.

39Herman abediakyiri a odi kan no din de Asaf, a na ofi Gerson abusua mu.

Wɔto Asaf abusua ana fi Berekia, Simea,

40Mikael, Baaseia,

Malkia, 41Etni,

Serah, Adaia,

42Etan, Sima,

Simei, 43Yahat, Gersom ne Lewi ase.

44Herman abediakyiri a ɔto so abien no din de Etan, a na ofi Merari abusua mu.

Wɔto Etan abusua ana fi Kisi, Abdi,

Maluk, 45Hasabia,

Amasia, Hilkia,

46Amsi, Bani, Semer, 47Mahli,

Musi, Merari ne Lewi ase.

Aaron Asefo

48Wɔmaa wɔn abusuafo a wɔyɛ Lewifo no nso dwuma ahorow bi dii wɔ Ahyiae Ntamadan a ɛyɛ Onyankopɔn fi no mu. 49Aaron ne nʼasefo nko na wɔsom sɛ asɔfo. Na wɔde afɔrebɔde gu ɔhyew afɔremuka ne ohuam afɔremuka so, na wodi dwuma biara a ɛfa kronkron mu kronkron hɔ ho. Wɔnam mmara a Onyankopɔn somfo Mose de maa wɔn no so, yɛɛ mpata maa Israel.

50Na Aaron asefo yɛ:

Eleasar, Pinehas, Abisua, 51Buki, Usi, Serahia,

52Meraiot, Amaria, Ahitub, 53Sadok ne Ahimaas.

54Eyi ne abakɔsɛm a ɛfa nkurow ne asase a wɔnam ntontobɔ kronkron so de maa Aaron ne nʼasefo a wofi Kohat abusua mu no.

55Na Hebron ne mmoa adidibea nsase a atwa ho ahyia wɔ Yuda no ka ho. 56Nanso mfuw ne nkuraa a atwa ho ahyia no de, wɔde maa Yefune babarima Kaleb. 57Enti saa nkurow yi a mmoa adidibea atwa biara ho ahyia na wɔde maa Aaron asefo: Hebron, a ɛyɛ guankɔbea kurow, Libna, Yatir, Estemoa, 58Hilen, Debir, 59Asan, Yuta ne Bet-Semes. 60Na wɔmaa wɔn Gibeon, Geba, Alemet ne Anatot fii Benyamin asase mu a mmoa adidibea ka emu biara ho.

Enti nkurow dumiɛnsa na wɔde maa Aaron asefo.

61Na Kohat asefo a wɔkae no nso, wonyaa nkurow du a wɔnam ntontobɔ kronkron so fii Manase abusua fa no asase so.

62Gerson asefo nam ntontobɔ kronkron so nyaa nkurow dumiɛnsa fii Isakar, Aser ne Naftali nsase so. Wonyaa bi nso fii Basan pɔw mu a ɛyɛ Manase de, a ɛwɔ Yordan apuei fam no.

63Merari asefo nam ntontobɔ kronkron so, nyaa nkurow dumien fii Ruben, Gad ne Sebulon nsase so.

64Enti Israelfo de saa nkurow yi ne mmoa adidibea yi nyinaa maa Lewifo.

65Wɔnam ntontobɔ kronkron so na wɔde nkurow a ɛwowɔ Yuda, Simeon ne Benyamin nsase so mae sɛnea wɔaka dedaw no.

66Saa nkurow yi ne ɛho mmoa adidibea na Kohat asefo nya fii Efraim asase so:

67Sekem (guankɔbea kurow) a ɛwɔ Efraim bepɔw asase no so, Geser, 68Yokmeam, Bet-Horon, 69Ayalon ne Gat-Rimon.

70Kohat asefo nkae no, wɔde saa nkurow a efi Manase abusua fa no mu na ɛmaa wɔn: Aner ne Bileam a emu biara mmoa adidibea ka ho.

71Gerson asefo nyaa kurow a wɔfrɛ no Golan a ɛwɔ Basan no fii Manase abusua fa asase so a Astarot ka ho, a ne nyinaa mmoa adidibea da ho.

72Isakar asase so nso, wɔmaa wɔn Kedes, Daberat, 73Ramot ne Anem a wɔn mmoa adidibea ka ho.

74Aser asase so, wonyaa Masal, Abdon, 75Hukok ne Rehob a na emu biara mmoa adidibea ka ho.

76Naftali asase so, wɔde Kedes a ɛwɔ Galilea, Hamon ne Kiriataim maa wɔn, a na mmoa adidibea ka emu biara ho.

77Merari asefo nkae no nyaa Yokneam, Karta, Rimon ne Tabor nkurow, fi Sebulon asase so, a na mmoa adidibea ka biara ho.

78Ruben asase a ɛda Asubɔnten Yordan apuei fam a ɛne Yeriko di nhwɛanim no nso, wonyaa Beser a ɛyɛ nweatam kurow, Yahas, 79Kedemot ne Mefaat a mmoa adidibea ka emu biara ho.

80Na Gad asase so nso, wonyaa Ramot a ɛwɔ Gilead, Mahanaim, 81Hesbon ne Yaser a mmoa adidibea ka biara ho.