1 Beresosɛm 4 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 4:1-43

Yuda Asefo Nkae

1Yuda asefo no bi din de

Peres, Hesron, Karmi, Hur ne Sobal.

2Sobal babarima Reaia na ɔwoo Yahat. Yahat woo Ahumai ne Lahad. Eyinom na na wɔyɛ Sorafo mmusua.

3Na Etam asefo no ne

Yesreel, Yisma, Yidbas ne Haslelponi a na ɔyɛ ne babea, 4Penuel a na ɔyɛ Gedor agya ne Eser a na ɔyɛ Husa agya. Eyinom na na wɔyɛ Hur a na ɔyɛ Efrata abakan ne Betlehem agya no asefo.

5Na Tekoa agya a ne din de Ashur no wɔ yerenom baanu a wɔfrɛ wɔn Hela ne Naara.

6Naara woo Ahusam, Hefer, Temeni ne Ahastari.

7Hela woo

Seret, Sohar, Etnan, 8ne Kos a nʼasefo ne Anub, Hasobeba ne Harum babarima Aharhel, Harum ne ne mmusua nyinaa.

9Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yabes a ɔyɛɛ ɔkɛse sen ne nuabarimanom nyinaa. Ne na too no din Yabes, efisɛ onyaa ɔyaw wɔ nʼawo mu. 10Yabes ne obi a ɔbɔɔ mpae kyerɛɛ Israel Nyankopɔn se, “Ao, hyira me na trɛw mʼahye mu. Mesrɛ wo, ka me ho wɔ nea mɛyɛ biara mu, na yi me fi ɔhaw ne ɔyaw nyinaa mu.” Na Onyankopɔn yɛɛ nʼabisade no maa no.

11Suba nuabarima Kelub woo Mehir. Mehir woo Eston. 12Eston woo Bet-Rafa, Paseah ne Tehina. Tehina woo Ir-Nahas. Eyinom ne Reka asefo.

13Kenas mmabarima ne

Otniel ne Seraia.

Otniel mmabarima ne

Hatat ne Meonotai. 14Meonotai woo Ofra.

Na Seraia woo Yoab

a ofii Adwumfo Bon ase, efisɛ na adwumfo pii tete hɔ.

15Na Yefune babarima Kaleb mmabarima yɛ

Iru, Ela ne Naam.

Na Ela babarima yɛ

Kenas.

16Yehalelel mmabarima ne

Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.

17Ɛsra mmabarima yɛ

Yeter, Mered, Efer ne Yalon.

Mered waree Misraimnibea ma ɔwoo Miriam, Samai ne Yisba a ɔbɛyɛɛ Estemoa agya no. 18Mered nso waree ɔbea a ofi Yuda.

Ɔno nso woo Yered a ɔbɛyɛɛ Gedor agya, Heber a ɔyɛ Soko agya, ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na wɔfrɛ Mered yere Misraimni no se Bitia a na ɔyɛ Misraimhene babea.

19Na Hodia yere yɛ Naham nuabea.

Ne mmabarima no mu baako na ɔwoo Keila a ɔyɛ Garmini na ɔbaako nso woo Estemoa a ɔyɛ Maakatni.

20Simon mmabarima ne

Amnon, Rina, Ben-Hanan ne Tilon.

Na Yisi asefo no ne

Sohet ne Ben-Sohet.

Yuda Babarima Sela Asefo

21Na Sela yɛ Yuda mma no mu baako.

Na Sela asefo no ne Er a ɔwoo Leka, Lada a ɔwoo Maresa a na wɔyɛ nweratam ho adwuma wɔ Bet-Asbea,

22Yokim, Kosebafo, Yoas, ne Saraf a na wodi Moab ne Yasubi-Lehem so no. Saa din yi nyinaa, wonya fii tete nkyerɛw a na wɔakyerɛw agu hɔ mu. 23Na wɔyɛ nkukunwemfo a na wɔte Netaim ne Gedera. Na wɔn nyinaa yɛ nnwuma ma ɔhene.

Simeon Asefo

24Na Simeon mmabarima no din de

Nemuel, Yamin, Yarib, Serah ne Saulo.

25Na Saulo asefo yɛ Salum, Mibsam ne Misma.

26Na Misma asefo yɛ

Hamuel, Sakur ne Simei.

27Simei woo mmabarima dunsia ne mmabea baasia. Ne nuabarimanom de, na wɔn mu biara nni abusua kɛse saa. Ɛno nti, Simeon abusua annɔ te sɛ Yuda abusua no. 28Wɔtenaa Beer-Seba, Molada ne Hasar-Sual, 29Bilha, Esem ne Tolad, 30Betuel, Horma ne Siklag, 31Bet-Markabot, Hasar-Susim, Bet-Biri ne Saaraim. Na saa nkurow yi nyinaa hyɛɛ wɔn ase kosii ɔhene Dawid bere so. 32Wɔn asefo nso tenaa Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan a ɛyɛ nkurow anum yi so, 33ne ne nkuraa a atwa ho ahyia no kosii Baal.

Na wɔn atenae ni, na wɔahyehyɛ saa din yi nyinaa wɔ wɔn anato nkrataa mu.

34Wɔn a wɔka Simeon asefo ho no bi nso ne Mesobab, Yamlek

ne Amasia babarima Yosa, 35Yoel,

Yosibia babarima Yehu a ɔyɛ Seraia babarima, na ɔno nso yɛ Asiel babarima,

36Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel ne Benaia, 37Sifi babarima Sisa a nʼagya yɛ Alon babarima, na ɔno yɛ Yedaia babarima, na ɔno nso yɛ Simri babarima a nʼagya yɛ Semaia.

38Din a yɛabobɔ yi yɛ ntuanofo a wɔdeda Simeon mmusuakuw a wɔyɛ adefo no ano no bi.

39Wɔkɔɔ Gedor fam a na ɛwɔ obon no apuei fam sɛ wɔrekɔpɛ asase pa ama wɔn mmoa adidi so. 40Wonyaa mmoa adidibea pa wɔ hɔ. Na asase no so dwo na basabasayɛ biara nni hɔ. Na Ham asefo no bi akɔtena Gedor fa mu hɔ dedaw.

41Yudahene Hesekia bere so no, Simeon ntuanofo no ko dii hɔ so, sɛee Ham ne Meunifo afi pasaa. Wokum obiara a na ɔte hɔ, faa asase no, efisɛ, na wɔpɛ sɛ wonya mmoa didibea pa no. 42Akofo no mu ahannum a wofi Simeon abusuakuw mu no kɔɔ bepɔw Seir so, a na Pelatia, Nearia, Refaia ne Usiel a wɔn nyinaa yɛ Yisi mmabarima no na na wodi wɔn anim. 43Amalekfo kakra a wɔkae no, wokunkum wɔn nyinaa, faa hɔ, na wɔtenaa hɔ.