1 Beresosɛm 29 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 29:1-30

Asɔredan No Si Ho Akyɛde

1Afei, Ɔhene Dawid dan nʼani kyerɛɛ ɔmanfo no kae se, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ onni Israel so sɛ ɔhene foforo no da so yɛ abofra a onni osuahu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a obesi no nyɛ dan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Nyankopɔn no ankasa de. 2Mede nea mitumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa nea matumi anya nyinaa ano ama me Nyankopɔn Asɔredan no si. Mprempren, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae, nnade ne nnua ne apopobibiri abo ne aboɔden abo, aboɔden agude ne abo pa ne abohemaa ahorow nyinaa pii wɔ hɔ. 3Na esiane me ho a mede ama me Nyankopɔn Asɔredan no nti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɔdan no si. Eyinom bɛka adansi no ho nneɛma a maboaboa ano ama asɔredan kronkron no ho. 4Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro nsania ani tɔn ɔha ne dumien ne dwetɛ a wɔahoa ho nsania ani tɔn ahannu aduosia abien a wɔde begu adan no afasu anim, 5ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfo no bɛyɛ no. Afei, hena na obeyi ne yam de nʼayɛyɛde ama Awurade nnɛ?”

6Na abusua ntuanofo, Israel mmusuakuw ntuanofo, asahene ne asraafo mpanyimfo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa fii ɔpɛ pa mu mae. 7Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔn ɔha aduɔwɔtwe awotwe, sika ankasa mpem du, dwetɛ bɛyɛ tɔn ahaasa aduɔson anum, kɔbere mfrafrae bɛyɛ tɔn ahansia aduɔson anum ne nnade bɛyɛ tɔn mpem ahaasa ahanson ne aduonum, de boaa Asɔredan no si. 8Wɔmaa aboɔden abo bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fi maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. 9Nnipa no ani gyee ɔma no ho, efisɛ wofi ɔpɛ pa ne koma pa mu na woyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yiye.

Dawid Kamfo Awurade

10Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim se,

Awurade,

yɛn agya Israel Nyankopɔn,

ayeyi nka wo daa nyinaa.

11Kɛseyɛ, ahoɔden, anuonyam,

nkonimdi ne tumi yɛ wo de, Awurade.

Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo de,

Awurade, na ahenni yi nso yɛ wo de.

Yɛma wo so sɛ wone ade nyinaa so tumfo.

12Ahonya ne anuonyam fi wo nko ara,

efisɛ woyɛ ade nyinaa sodifo.

Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam

na wopɛ mu na wufi ma nnipa yɛ kɛse na wonya ahoɔden.

13Afei, yɛn Nyankopɔn, yɛda wo ase,

na yɛkamfo wo din kronkron no.

14“Na me ne hena na me nkurɔfo ne nnipa bɛn a yetumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no fi wo nkyɛn, na nea yɛde ma wo no yɛ nea wode ama yɛn dedaw no. 15Yɛwɔ ha mmere tiaa bi sɛ nsrahwɛfo ne ahɔho wɔ asase a yɛn agyanom dii kan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsuma a etwa mu kɔ ntɛm so a wonhu bio. 16Awurade, yɛn Nyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebesi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron anuonyam yi mpo fi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. 17Me Nyankopɔn, minim sɛ wohwehwɛ yɛn koma mu, na sɛ wuhu nokwaredi wɔ mu a, wʼani gye. Wunim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ eyinom nyinaa, na mahwɛ ahu sɛnea wo nkurɔfo fi koma pa ne anigye mu de wɔn akyɛde aba. 18Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn, ma wo nkurɔfo nyɛ osetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa. 19Ma me babarima Salomo koma nyinaa mu ɔpɛ pa, na onni wʼahyɛde, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na onsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa no.”

20Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Monkamfo Awurade, mo Nyankopɔn!” Na ɔmanfo no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Nyankopɔn, na wɔkotow buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.

Wosi Salomo Ɔhene

21Ade kyee no, wɔde anantwinini apem, adwennini apem ne nguamma anini apem bɛbɔɔ ɔhyew afɔre maa Awurade. Wɔsan gyinaa Israel anan mu, de ɔnom afɔrebɔde pii ne afɔrebɔde ahorow bae. 22Wɔde ahosɛpɛw didi nomee da no wɔ Awurade anim.

Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛw sɛ wɔn hene foforo. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn sɔfo. 23Na Salomo tenaa Awurade ahengua no so sɛ nʼagya Dawid nanmusini, na ɔkɔɔ so yiye, na Israel nyinaa tiee no. 24Adehye mpanyimfo nyinaa, asahene ne Dawid mmabarima nyinaa sua kyerɛɛ ɔhene Salomo.

25Na Awurade pagyaw Salomo maa Israelman no maa no nidi nwonwaso, na ɔmaa Salomo ahonya ne anuonyam sen nʼagya.

Dawid Wu

26Enti Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so hene. 27Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason, na mfe aduasa abiɛsa nso, ɔtenaa Yerusalem. 28Ɔtenaa ase kyɛe, nyinii yiye, nyaa ahode ne anuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼade sɛ ɔhene. 29Efi Ɔhene Dawid adedi mfiase de kosi nʼawie mu nsɛm nyinaa, wɔakyerɛw agu ɔdehufo Samuel abakɔsɛm nhoma, odiyifo Natan abakɔsɛm nhoma ne ɔdehufo Gad abakɔsɛm nhoma mu. 30Nʼadedi mu akokodurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahenni ahorow a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔakyerɛw.

Asante Twi Contemporary Bible

1 Berɛsosɛm 29:1-30

Asɔredan No Sie Ho Akyɛdeɛ

1Afei, Ɔhene Dawid danee nʼani kyerɛɛ ɔmanfoɔ no kaa sɛ, “Me babarima Salomo a Onyankopɔn ayi no sɛ ɔnni Israel so sɛ ɔhene foforɔ no da so yɛ abɔfra a ɔnni suahunu biara. Adwuma a ɛda nʼanim no so, na Asɔredan a ɔbɛsi no nyɛ ɛdan hunu bi. Ɛyɛ Awurade Onyankopɔn no ankasa dea. 2Mede deɛ metumi yɛ biara adi dwuma, maboaboa deɛ mɛtumi anya nyinaa ano ama me Onyankopɔn Asɔredan no sie. Seesei, sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, nnadeɛ ne nnua ne apopobibirieboɔ ne aboɔdemmoɔ, aboɔden agudeɛ ne abopa ne abohemaa ahodoɔ nyinaa pii wɔ hɔ. 3Na ɛsiane me ho a mede ama me Onyankopɔn Asɔredan no enti, mede mʼankasa sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bɛboa ɛdan no sie. Yeinom bɛka adansie no ho nneɛma a maboaboa ano, ama asɔredan kronkron no ho. 4Mama Ofir sikakɔkɔɔ a ɛboro tɔno 112 ne dwetɛ a wɔahoa ho tɔno 262 a wɔde bɛgu adan no afasuo anim, 5ne sikakɔkɔɔ ne dwetɛ nnwuma a aka a adwumfoɔ no bɛyɛ no. Afei, hwan na ɔbɛyi ne yam de nʼayɛyɛdeɛ ama Awurade ɛnnɛ?”

6Na abusua ntuanofoɔ, Israel mmusuakuo ntuanofoɔ, asahene ne asraafoɔ mpanimfoɔ ne ɔhene adwumayɛfoɔ nyinaa firii ɔpɛ pa mu maeɛ. 7Wɔmaa sikakɔkɔɔ bɛyɛ tɔno 188, sika ankasa ɔpedu, ɛnna dwetɛ bɛyɛ tɔno 375, kɔbere mfrafraeɛ bɛyɛ tɔno 675 ne nnadeɛ bɛyɛ tɔno 3,750, de boaa Asɔredan no sie. 8Wɔmaa aboɔdemmoɔ bebree a wɔkɔkoraa no wɔ sikakorabea a ɛwɔ Awurade fie maa Yehiel a ɔyɛ Gerson aseni hwɛɛ so. 9Nnipa no ani gyee ɔma no ho, ɛfiri sɛ, wɔfiri ɔpɛ pa ne akoma pa mu na wɔyiyi maa Awurade, na Ɔhene Dawid ani gyee yie.

Dawid Kamfo Awurade

10Na ɔhene Dawid kamfoo Awurade wɔ nnipa no nyinaa anim sɛ,

“Ao Awurade,

yɛn agya Israel Onyankopɔn,

ayɛyie nka wo daa nyinaa.

11Kɛseyɛ, ahoɔden, animuonyam,

nkonimdie ne tumi yɛ wo dea Ao Awurade.

Biribiara a ɛwɔ ɔsoro ne asase so yɛ wo dea,

Ao Awurade, na ahennie yi nso wɔ wo.

Yɛma wo so sɛ wone adeɛ nyinaa so otumfoɔ.

12Ahonya ne animuonyam firi wo nko ara,

ɛfiri sɛ, woyɛ adeɛ nyinaa sodifoɔ.

Tumi ne ahoɔden nyinaa wɔ wo nsam

na wopɛ mu na wofiri ma nnipa yɛ kɛseɛ na wɔnya ahoɔden.

13Ao, yɛn Onyankopɔn, yɛda wo ase,

na yɛkamfo wo din kronkron no.

14“Na me ne hwan na me nkurɔfoɔ ne nnipa bɛn a yɛtumi kyɛ wo biribi? Biribiara a yɛwɔ no firi wo nkyɛn, na deɛ yɛde ma wo no yɛ deɛ wode ama yɛn dada. 15Yɛwɔ ha mmerɛ tiawa bi sɛ nsrahwɛfoɔ ne ahɔhoɔ wɔ asase a yɛn agyanom dii ɛkan wɔ so no so. Yɛn nna wɔ asase so te sɛ sunsumma a ɛtwam kɔ ntɛm so a wɔnhunu bio. 16Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, saa nneɛma a yɛaboaboa ano de rebɛsi asɔredan de ahyɛ wo din kronkron animuonyam yi mpo firi wo nkyɛn! Ne nyinaa yɛ wo dea. 17Me Onyankopɔn, menim sɛ wohwehwɛ yɛn akoma mu, na sɛ wohunu nokorɛdie wɔ mu a, wʼani gye. Wonim sɛ mede adwene pa na ɛyɛɛ yeinom nyinaa, na mahwɛ ahunu sɛdeɛ wo nkurɔfoɔ firi akoma pa ne anigyeɛ mu de wɔn akyɛdeɛ aba. 18Ao, Awurade, yɛn agyanom Abraham, Isak ne Israel Onyankopɔn, ma wo nkurɔfoɔ nyɛ ɔsetie mma wo daa. Mma ɔdɔ a wɔde dɔ wo no nsesa. 19Ma me babarima Salomo akoma nyinaa mu ɔpɛ pa, na ɔnni wʼahyɛdeɛ, wo mmara ne wo nkyerɛkyerɛ so, na ɔnsi saa Asɔredan yi a mayɛ ho ahoboa nyinaa yi.”

20Afei, Dawid ka kyerɛɛ ɔmanfoɔ no nyinaa sɛ, “Monkamfo Awurade, mo Onyankopɔn!” Na ɔmanfoɔ no nyinaa kamfoo Awurade, wɔn agyanom Onyankopɔn, na wɔkoto buu nkotodwe wɔ Awurade ne ɔhene no anim.

Wɔsi Salomo Ɔhene

21Adeɛ kyeeɛ no, wɔde anantwinini apem, nnwennini apem ne nnwanmmaa anini apem bɛbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ maa Awurade. Wɔsane gyinaa Israel ananmu, de ɔnom afɔrebɔdeɛ pii ne afɔrebɔdeɛ ahodoɔ baeɛ. 22Wɔde ahosɛpɛ didi nomee da no wɔ Awurade anim.

Na bio, wɔhyɛɛ Dawid babarima Salomo ahenkyɛ sɛ wɔn ɔhene foforɔ. Wɔsraa no ngo wɔ Awurade anim sɛ wɔn ntuanoni, na wɔsraa Sadok nso ngo sɛ wɔn ɔsɔfoɔ. 23Na Salomo tenaa Awurade ahennwa no so sɛ nʼagya Dawid ɔnanmusini, na ɔkɔɔ so yie, na Israel nyinaa tiee no. 24Adehyeɛ mpanimfoɔ nyinaa, asahene ne Dawid mmammarima nyinaa suae kyerɛɛ ɔhene Salomo.

25Na Awurade pagyaa Salomo maa Israelman no maa no nidie nwanwasoɔ, na ɔmaa Salomo ahonya ne animuonyam sene nʼagya.

Dawid Owuo

26Enti, Yisai babarima Dawid dii Israel nyinaa so ɔhene. 27Ɔdii ɔhene wɔ Israel mfeɛ aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, ɔtenaa Hebron mfeɛ nson dii adeɛ, na mfeɛ aduasa mmiɛnsa nso, ɔtenaa Yerusalem. 28Ɔtenaa ase kyɛree, nyinii yie, nyaa ahodeɛ ne animuonyam ansa na ɔrewu. Na ne babarima Salomo dii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 29Ɛfiri Ɔhene Dawid adedie ahyɛaseɛ de kɔsi nʼawieeɛ mu nsɛm nyinaa, wɔatwerɛ agu ɔdehunufoɔ Samuel abakɔsɛm nwoma, odiyifoɔ Natan abakɔsɛm nwoma ne ɔdehunufoɔ Gad abakɔsɛm nwoma mu. 30Nʼadedie mu akokoɔdurusɛm ne biribiara a ɛbaa ne so, Israel ne ahennie ahodoɔ a atwa ne ho ahyia nyinaa nso yɛ nsɛm a wɔatwerɛ.