1 Beresosɛm 28 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 28:1-21

Dawid Akwankyerɛ A Ɔde Maa Salomo

1Dawid frɛɛ ne mpanyimfo nyinaa kɔɔ Yerusalem. Saa mpanyimfo no ne mmusuakuw no ntuanofo, asahene a wɔdeda asraafodɔm akuw dumien no ano, asraafo mpanyimfo a wɔaka no, wɔn a wɔhwɛ ɔhene agyapade ne ne mmoa so, ahemfi nhenkwaa, akofo akɛse ne akofo a wɔaka wɔ ahenni no mu no.

2Dawid sɔre gyinaa wɔn anim, kasa kyerɛɛ wɔn se, “Me nuanom ne me nkurɔfo, anka mepɛɛ sɛ misi asɔredan a wɔde Awurade Apam Adaka, Onyankopɔn anan ntiaso no besi afebɔɔ. Meyɛɛ ho ahoboa nyinaa sɛ mede rebesi, 3nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wusi asɔredan de hyɛ me din anuonyam, efisɛ woyɛ ɔkofo a woahwie mogya bebree agu.’

4“Nanso Awurade, Israel Nyankopɔn, ayi me wɔ mʼagya abusua mu sɛ, minni ɔhene wɔ Israel so daa. Na wayi Yuda abusuakuw sɛ wonni hene na Yuda mmusua mu nso, oyii mʼagya abusua. Na mʼagya mma mu no nso, ɛyɛɛ Awurade fɛ sɛ osii me Israel nyinaa so hene. 5Na me mmabarima pii a Awurade de wɔn maa me no mu nso, oyii Salomo sɛ ɔntena Awurade ahenni agua no so nni Israel so. 6Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Wo babarima Salomo na obesi mʼasɔredan ne nʼadiwo nyinaa, efisɛ mayi no sɛ me babarima na mɛyɛ nʼagya. 7Na sɛ ɔkɔ so di mʼahyɛde ne me mmara so, sɛnea ɔyɛ mprempren yi a, mɛma nʼahenni atim afebɔɔ.’

8“Enti mprempren a Onyankopɔn yɛ yɛn dansifo yi, menam wo so de saa asodi yi ma Israel nyinaa a wɔyɛ Awurade manfo no: Monhwɛ yiye na munni Awurade, mo Nyankopɔn, ahyɛde nyinaa so sɛnea mobɛfa saa asase pa yi, na moagyaw ama mo asefo sɛ wɔn agyapade daa.

9“Afei, me ba Salomo, hu wʼagyanom Nyankopɔn. Fa wo koma ne wʼadwene nyinaa sɔre no, na som no. Efisɛ Awurade hu koma biara mu, enti ohu na onim emu nhyehyɛe ne nsusuwii biara. Sɛ wohwehwɛ no a, wubehu no. Na sɛ wopo no a, ɔbɛpo wo afebɔɔ. 10Enti fa no asɛnhia. Awurade ayi wo sɛ si asɔredan ma no, sɛ ne kronkronbea. Yɛ den, na di dwuma no.”

11Afei Dawid de asɔredan no ho mfoni a sikakorabea, soro adan, emu adan ne emu kronkronbea a Apam Adaka no afefare mu a ɛhɔ yɛ mpatabea, faako a wɔde Adaka no besi maa Salomo. 12Nhyehyɛe biara a Honhom no de maa Dawid a ɛfa Awurade Asɔredan adiwo ho, akyi adan, Onyankopɔn Asɔredan no mu sikakorabea ne akyɛde a wɔde ama Onyankopɔn no, ɔkyerɛɛ Salomo. 13Saa ara na ɔhene no kyerɛɛ Salomo dwuma a asɔfo ne Lewifo nkyekyɛmu ahorow no nyɛ wɔ Awurade Asɔredan no mu. Na ɔkyerɛkyerɛɛ nneɛma pɔtee a ɛwɔ Awurade Asɔredan no mu a wɔde sɔre Awurade ne nea wɔde bɔ afɔre. 14Dawid kyerɛɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ nneɛma a ɛho behia. 15Ɔkyerɛɛ Salomo sikakɔkɔɔ dodow a ɛho behia ama sikakɔkɔɔ akaneadua no ne akanea no, na ɔkyerɛɛ dwetɛ dodow a ɛho behia ama dwetɛ akaneadua no ne akanea no yɛ, ne ɔkwan ko a wɔbɛfa so de emu biara adi dwuma no. 16Ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodow a wɔmfa nyɛ ɔpon a wɔde Daa Daa Brodo no bɛto so; na ɔkyerɛɛ dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ apon a ɛka ho no. 17Dawid san kyerɛɛ sikakɔkɔɔ dodow a wɔmfa nyɛ nam darewa a wɔde besuso afɔrebɔ nam mu, hweaseammɔ, sukuruwa ne nyowa ne dwetɛ dodow a wɔmfa nyɛ asanka biara. 18Nea ɔde wiee ne sɛ, ɔkyerɛɛ sikakɔkɔɔ a wɔabere ho dodow a wɔde bɛyɛ nnuhuam afɔremuka no ne sikakɔkɔɔ kerubim a ne ntaban atrɛw wɔ Awurade Adaka no so.

19Dawid ka kyerɛɛ Salomo se, “Saa mfoni yi nyinaa, Awurade nsa na ɔde kyerɛw maa me.”

20Afei, Dawid toaa so se, “Yɛ den na ma wo bo nyɛ duru na yɛ adwuma no. Nsuro na mma dwumadi no kɛseyɛ ntu wo bo, efisɛ Awurade Nyankopɔn, me Nyankopɔn, ka wo ho. Ɔrenni wo huammɔ na ɔrennya wo. Ɔbɛhwɛ sɛ dwumadi biara a ɛfa Awurade Asɔredan no si ho no, wobewie no pɛpɛɛpɛ. 21Asɔfo ne Lewifo akuw no bɛsom wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu. Wɔn a aka a wɔwɔ nimdeɛ ahorow no nyinaa beyi wɔn yam aboa, na ntuanofo ne ɔman no nyinaa nso bɛyɛ biribiara a wobɛka.”

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

历代志上 28:1-21

大卫对所罗门的嘱咐

1大卫以色列的众首领到耶路撒冷。于是,各支派的首领、各班将领、千夫长、百夫长、负责王和王子的财产及牲畜的官员、宫廷侍臣、显贵和勇士都来了, 2大卫王站起来说:“我的弟兄,我的人民啊,请听我说。我本想建造一座殿宇安放耶和华的约柜,作我们上帝的脚凳,我已准备好建造的材料。 3但上帝对我说,‘你不可为我的名建造殿宇,因为你是个战士,曾流过人的血。’ 4以色列的上帝耶和华从我父亲家中拣选我做以色列的王,直到永远。因为祂拣选了犹大支派做首领;在犹大支派中,祂拣选了我父亲家;在我父亲的众子中,祂喜悦我,立我做以色列的王。 5耶和华赐给我许多儿子,祂在我众子中拣选了所罗门,让他坐以色列的王位,治理耶和华的国。 6耶和华对我说,‘你儿子所罗门必建造我的殿宇和庭院,因为我拣选他做我的儿子,我也必做他的父亲。 7倘若他像今天一样继续坚守我的诫命和典章,我必使他的国度永远稳固。’ 8现在,当着耶和华的会众——全体以色列人的面,趁着我们的上帝在垂听,你们要谨遵你们的上帝耶和华的一切诫命,以便你们可以拥有这片佳美之地,并且把它传给你们的子孙作永远的产业。

9“我儿所罗门啊,你要认识你父亲的上帝耶和华,诚心乐意地事奉祂,因为祂洞察人心,知道人一切的心思意念。倘若你寻求祂,祂必让你寻见;倘若你背弃祂,祂必永远丢弃你。 10现在你要谨慎,因为耶和华拣选你来建造殿宇作圣所。你要坚定不移地去做。”

11大卫将殿的走廊、房舍、库房、楼房、内室和安放施恩座的圣所的图样都交给所罗门12又将心里构想的耶和华殿的院子、四周的房屋、殿的库房和圣物库房的图样都交给他。 13大卫还让他知道祭司和利未人的班次、耶和华殿里各样的工作及一切所需的器皿, 14制造各种金器银器所需金银的分量—— 15金灯台和金灯的分量,银灯台和银灯的分量——按每座灯台的用途酌定金银的分量, 16放供饼的金桌子的分量,银桌子的分量, 17纯金的叉子、碗、瓶的分量,每个金碗和银碗的分量, 18纯金香坛的分量,以及在施恩座上展开翅膀遮盖耶和华约柜的基路伯天使的样式。 19大卫说:“以上这一切都是耶和华亲手指示我的,让我明白工作的细节。”

20大卫又对儿子所罗门说:“你要坚定勇敢地去做!不要惧怕,也不要惊慌,因为我的上帝耶和华必不撇下你,也不丢弃你,祂必与你同在,直到圣殿的一切工作完毕。 21你看,在上帝殿里司职的各班祭司和利未人已准备就绪,又有各种能工巧匠乐意在各种工作上帮你,众首领和百姓都听你调遣。”