1 Beresosɛm 25 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 25:1-31

Nnwontofo No Nnwuma

1Dawid ne asahene no yiyii mmarima fii Asaf, Heman ne Yedutun mmusua mu sɛ wɔmfa asankuten, mmɛnta ne kyɛnkyɛn mmɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru. Wɔn din ne wɔn nnwuma na edidi so yi:

2Na Asaf mmabarima no ne:

Sakur, Yosef, Netania ne Asarela. Na wɔhyɛ wɔn agya Asaf ase. Ɔno na ɔhene hyɛɛ no ma ɔbɔɔ Onyankopɔn asɛm no dawuru.

3Na Yedutun wɔ mmabarima a wɔne:

Gedalia, Seri, Yesaia, Simei, Hasabia ne Matitia. Wɔyɛ baasia a wɔhyɛ wɔn agya ase. Ɔno na ɔhyɛɛ nkɔm, nam sankuten so de aseda ne nkamfo maa Awurade.

4Na Heman mmabarima din ne:

Bukia, Matania, Usiel, Sebuel, Yerimot, Hanania, Hanani, Eliata, Gidalti, Romamti-Eser, Yosbekasa, Maloti, Hotir, ne Mahasiot. 5Eyinom ne Heman a ɔyɛ ɔhene diyifo no mmabarima. Onyankopɔn dom no mmabarima dunan ne mmabea baasa.

6Na saa mmarima yi nyinaa hyɛ wɔn agyanom ase, na wɔnam so too nnwom wɔ Awurade fi. Wɔn nnwuma ne sɛ wɔbɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten wɔ Onyankopɔn fi.

Na Asaf, Yedutun ne Heman hyɛ ɔhene no ase. 7Na wɔatetew wɔn ne wɔn abusuafo nyinaa wɔ nnwom a wɔto wɔ Awurade anim no mu. Na wɔn nyinaa dodow yɛ ahannu aduɔwɔtwe awotwe na wɔn mu biara wɔ nnwonto ho nimdeɛ. 8Wɔnam ntontobɔ kronkron so yiyii nnwontofo tuatuaa nnwuma ahorow ano a wɔanhwɛ sɛ obi yɛ abofra anaa ɔpanyin, ɔkyerɛkyerɛfo anaa osuani.

9Ntonto a edi kan no bɔɔ Yosef a ofi Asaf abusua mu, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Ntonto a ɛto so abien no bɔɔ Gedalia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

10Ntonto a ɛto so abiɛsa no bɔɔ Sakur, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

11Ntonto a ɛto so anan no bɔɔ Yisri, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

12Ntonto a ɛto so anum no bɔɔ Netania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

13Ntonto a ɛto so asia no bɔɔ Bukia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

14Ntonto a ɛto so ason no bɔɔ Yesarela, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

15Ntonto a ɛto so awotwe no bɔɔ Yesaia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

16Ntonto a ɛto so akron no bɔɔ Matania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

17Ntonto a ɛto so du no bɔɔ Simei, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

18Ntonto a ɛto so dubaako no bɔɔ Asarel, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

19Ntonto a ɛto so dumien no bɔɔ Hasabia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

20Ntonto a ɛto so dumiɛnsa no bɔɔ Subael, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

21Ntonto a ɛto so dunan no bɔɔ Matitia, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

22Ntonto a ɛto so dunum no bɔɔ Yeremot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

23Ntonto a ɛto so dunsia no bɔɔ Hanania, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

24Ntonto a ɛto so dunson no bɔɔ Yosbekasa, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

25Ntonto a ɛto so dunwɔtwe no bɔɔ Hanani, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

26Ntonto a ɛto so dunkron no bɔɔ Maloti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

27Ntonto a ɛto so aduonu no bɔɔ Eliata, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

28Ntonto a ɛto so aduonu baako no bɔɔ Hotir, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

29Ntonto a ɛto so aduonu abien no bɔɔ Gidalti, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

30Ntonto a ɛto so aduonu abiɛsa no bɔɔ Mahasiot, ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

31Ntonto a ɛto so aduonu anan no bɔɔ Romamti-Eser ne ne mmabarima ne nʼabusuafo (12)

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

歷代志上 25:1-31

聖殿的歌樂手

1大衛和眾首領派亞薩希幔耶杜頓的後代伴著琴、瑟和鈸宣講上帝的話。以下是擔當這職務的人:

2撒刻約瑟尼探雅亞薩利拉受他們的父親亞薩指揮,照王的旨意宣講上帝的話。 3基大利西利耶篩亞示每哈沙比雅瑪他提雅六人受他們的父親耶杜頓的指揮,伴著琴聲稱謝、頌讚耶和華,宣講祂的話。 4希幔的兒子是布基雅瑪探雅烏薛細布業耶利摩哈拿尼雅哈拿尼以利亞他基大利提羅幔提·以謝約施比加沙瑪羅提何提瑪哈秀5希幔是王的先見,上帝恩寵他,按應許賜給他十四個兒子、三個女兒。 6這些人由他們的父親指揮,在耶和華的殿唱歌、敲鈸、彈琴、鼓瑟,事奉耶和華。亞薩耶杜頓希幔聽命於王。 7他們和其他訓練有素、負責歌頌耶和華的親族共有二百八十八人。 8這些人不分長幼、師徒,都抽籤分班。

9第一籤抽出來的是亞薩的兒子約瑟。第二籤是基大利及其親族和兒子共十二人。 10第三籤是撒刻及其兒子和親族共十二人。 11第四籤是伊洗利和他兒子及親族共十二人。 12第五籤是尼探雅及其眾子和親族共十二人。 13第六籤是布基雅及其眾子和親族共十二人。 14第七籤是耶薩利拉及其眾子和親族共十二人。 15第八籤是耶篩亞及其眾子和親族共十二人。 16第九籤是瑪探雅及其眾子和親族共十二人。 17第十籤是示每及其眾子和親族共十二人。 18第十一籤是亞薩烈及其眾子和親族共十二人。 19第十二籤是哈沙比雅及其眾子和親族共十二人。 20第十三籤是書巴業及其眾子和親族共十二人。 21第十四籤是瑪他提雅及其眾子和親族共十二人。 22第十五籤是耶利摩及其眾子和親族共十二人。 23第十六籤是哈拿尼雅及其眾子和親族共十二人。 24第十七籤是約施比加沙及其眾子和親族共十二人。 25第十八籤是哈拿尼及其眾子和親族共十二人。 26第十九籤是瑪羅提及其眾子和親族共十二人。 27第二十籤是以利亞他及其眾子和親族共十二人。 28第二十一籤是何提及其眾子和親族共十二人。 29第二十二籤是基大利提及其眾子和親族共十二人。 30第二十三籤是瑪哈秀及其眾子和親族共十二人。 31第二十四籤是羅幔提·以謝及其眾子和親族共十二人。