1 Beresosɛm 20 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 20:1-8

Wɔko Fa Raba

1Asusow bere, afe mu bere a ahemfo kɔ ɔko no, Yoab dii Israel asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Amonfo nkurow ne nkuraa so, dii wɔn so nkonim. Akodi no mu no, wotuaa Raba kuropɔn no, sɛee no. Saa bere no na Dawid te akyi wɔ Yerusalem. 2Bere a Dawid duu Raba no, otuu ɔhene no ahenkyɛw, na wɔde hyɛɛ Dawid. Sikakɔkɔɔ na wɔde yɛɛ ahenkyɛw no na wɔde aboɔdemmo abobɔ mu. Na emu duru bɛyɛ kilogram aduasa anan. Dawid faa asade bebree fii kurow no mu. 3Ɔde Rabafo no yɛɛ nkoa, hyɛɛ wɔn ma wɔde ɔwan, famtunnade ne mmonnua yɛɛ adwuma. Saa ara nso na ɔyɛɛ nnipa a wɔwɔ Amon nkuropɔn nyinaa so. Na Dawid ne nʼakofo san kɔɔ Yerusalem.

Akodi A Etia Filistifo

4Eyi akyi, ɔko sii wɔne Filistifo ntam wɔ Geser. Ɔko no mu no, Sibekai a ofi Husa kum Sipai a ɔyɛ abran no aseni ma wɔkaa Filistifo no hyɛe.

5Ɔko foforo bi a wɔne Filistifo koe no mu no, Yair babarima Elhanan kum Gatni Goliat nuabarima Lahmi. Na Lahmi peaw nsa mu pipiripi te sɛ ntamanwemfo abaa.

6Ɔko foforo bi nso a wɔne Filistifo koe wɔ Gat no, ɔbran bi a ɔyɛ abran asefo no bi a ɔyɛ nsansia yɛ nansia wɔ ne nsa ne ne nan biara so no 7buu Israel animtiaa, twitwaa mpoa. Na Dawid nuabarima Simea babarima Yonatan kum no.

8Na saa Filistifo yi yɛ Gat abran no asefo nanso Dawid ne nʼakofo kunkum wɔn.