1 Beresosɛm 16 – AKCB & NVI-PT

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 16:1-43

1Na wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kosii ntamadan sononko bi a Dawid asiesie mu, na wɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre wɔ Onyankopɔn anim. 2Dawid wiee no, ohyiraa nkurɔfo no wɔ Awurade din mu. 3Na ɔkyɛɛ Israelfo mmea ne mmarima nyinaa aduan. Obiara nyaa brodo mua, namkum ne bobe aba ɔfam.

4Dawid yii saa Lewifo yi sɛ wonni nnipa no anim wɔ ɔsom mu, wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔmfa so nsrɛ ne nhyira, na wɔnna Awurade, Israel Nyankopɔn ase na wɔnkamfo no. 5Asaf a na ɔda kuw yi ano no bɔɔ kyɛnkyɛn no. Na nʼabediakyirifo yɛ Sakaria a ɔto so abien, afei Yeiel, Semiramot, Yehiel, Matitia, Eliab, Benaia, Obed-Edom ne Yahasiel. Wɔn na wɔbɔɔ mmɛnta ne asankuten. 6Na Asɔfo Benaia ne Yahasiel taa bɔ ntorobɛnto wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no anim.

Dawid Aseda Dwom

7Saa da no, Dawid de saa aseda dwom a ɔde ma Awurade yi maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo:

8Da Awurade ase na da ne kɛseyɛ adi.

Ma wiase nyinaa nhu nea wayɛ.

9Monto dwom mma no, monto ayeyi dwom mma no;

monka nʼanwonwade no nyinaa.

10Monhoahoa mo ho wɔ ne din kronkron mu;

momma wɔn a wɔhwehwɛ Awurade no nnya koma mu anigye.

11Momma mo ani nna Awurade ne nʼahoɔden so;

na monhwehwɛ nʼanim bere biara.

12Monkae anwonwade a wayɛ,

ne nsɛnkyerɛnne ne atɛn a obui.

13Mo Israelmma, Onyankopɔn somfo,

Yakob mma a wapaw wɔn.

14Ɔyɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn;

nʼahenni da adi wɔ asase so nyinaa.

15Ɔkae nʼapam daa nyinaa,

asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoantoaso apem no.

16Eyi ne apam a ɔne Abraham yɛe

ne ntam a ɔka kyerɛɛ Isak.

17Ɔhyɛɛ mu den maa Yakob sɛ mmara,

de maa Israel sɛ apam a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ;

18“Mede Kanaan asase no bɛma wo

sɛ kyɛfa a ɛbɛyɛ wʼagyapade.”

19Ɔkaa eyi bere a na wɔnnɔɔso,

ahɔhokuw ketewa bi a wɔwɔ Kanaan.

20Wofii aman so kɔɔ aman so,

fii ahemman mu kɔɔ ahemman mu.

21Nanso wamma obi anhyɛ wɔn so;

wɔn nti, ɔkaa ahene anim se;

22“Mommfa mo nsa nka wɔn a masra wɔn ngo,

na monnyɛ mʼadiyifo bɔne bi.”

23Momma asase nyinaa nto dwom mma Awurade!

Da biara, mompae mu nka asɛmpa no sɛ ogye nkwa.

24Mommɔ nʼanuonyam nneyɛe ho dawuru wɔ amanaman mu.

Monka anwonwade a ɔyɛ nkyerɛ obiara.

25Awurade yɛ ɔkɛse! Na nkamfo fata no!

Ɛsɛ sɛ wosuro no sen anyame nyinaa.

26Aman so anyame nyinaa yɛ ahoni bi kwa,

nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro!

27Anuonyam ne tumi atwa ne ho ahyia,

ahoɔden ne ahoɔfɛ wɔ nʼatenae.

28Momfa mma Awurade, Amanaman mmusuakuw,

momfa anuonyam ne tumi mma Awurade.

29Momfa anuonyam a ɛfata mma Awurade!

Momfa mo afɔrebɔde mmra mmɛsom no.

Monsɔre Awurade wɔ ne hyerɛn kronkron nyinaa mu.

30Momma asase nyinaa mpopo wɔ nʼanim.

Wɔatim wiase dennen a entumi nhinhim.

31Momma ɔsoro ani nnye na asase nsɛpɛw ne ho!

Momma aman nyinaa nte sɛ, Awurade yɛ ɔhene.

32Momma ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa nteɛ mu nkamfo no.

Momma mfuw ne wɔn nnɔbae mfa ahosɛpɛw mpue.

33Momma kwae nnua nnyigyei

nyɛ ayeyi Awurade anim!

Efisɛ ɔrebebu asase atɛn.

34Monna Awurade ase, efisɛ oye

na nʼadɔe wɔ hɔ daa.

35Monteɛteɛ mu se, “Gye yɛn, Ao yɛn nkwagye Onyankopɔn!

Boa yɛn ano, na gye yɛn fi amanaman nsam,

na yɛatumi ada wo din kronkron ase,

na yɛadi ahurusi akamfo wo.”

36Ayeyi nka Awurade, Israel Nyankopɔn,

emfi mmeresanten nkosi nnasanten.

Na nnipa no nyinaa gyee so se, “Amen!” Na wɔkamfoo Awurade.

Ɔsom Wɔ Yerusalem Ne Gibeon

37Dawid hyehyɛ maa Asaf ne ne mfɛfo Lewifo no sɛ wɔnsom daa wɔ Awurade Apam Adaka no anim, na wɔnyɛ nea ehia sɛ wɔyɛ no da biara. 38Saa kuw yi mu nnipa ne Obed-Edom (a ɔyɛ Yedutun babarima no), Hosa ne Lewifo aduosia awotwe a wɔyɛ apon ano hwɛfo.

39Dawid de ɔsɔfo Sadok ne ne mfɛfo asɔfo tenaa Awurade Ahyiae Ntamadan a ɛwɔ bepɔw Gibeon no, sɛ wɔnsom wɔ Awurade anim wɔ hɔ. 40Anɔpa ne anwummere biara, wɔbɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wɔayi asi hɔ ama saa dwumadi no so. Na wodii biribiara a wɔakyerɛw sɛ Awurade mmara a ɔde ama Israel no so. 41Dawid san yii Heman, Yedutun ne afoforo bi a wɔbobɔɔ wɔn din, yiyii wɔn no sɛ wɔnna Awurade ase “Na nʼadɔe no tim hɔ daa.” 42Heman ne Yedutun bɔɔ wɔn ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow de gyigyee ayeyi nnwom a wɔto maa Onyankopɔn no ho. Na woyii Yedutun mmabarima ma wɔyɛɛ apon ano hwɛfo.

43Na nnipa no nyinaa san kɔɔ wɔn afi mu. Dawid nso san kɔɔ ne fi, kohyiraa ne fifo.

Nova Versão Internacional

1 Crônicas 16:1-43

1Eles trouxeram a arca de Deus e a colocaram na tenda que Davi lhe havia preparado, e ofereceram holocaustos16.1 Isto é, sacrifícios totalmente queimados; também no versículo 40. e sacrifícios de comunhão16.1 Ou de paz diante de Deus. 2Após oferecer os holocaustos e os sacrifícios de comunhão, Davi abençoou o povo em nome do Senhor 3e deu um pão, um bolo de tâmaras16.3 Ou um pedaço de carne; ou ainda um pouco de vinho e um bolo de uvas passas a cada homem e a cada mulher israelita.

4Davi nomeou alguns dos levitas para ministrarem diante da arca do Senhor, fazendo petições, dando graças e louvando o Senhor, o Deus de Israel. 5Desses, Asafe era o chefe, Zacarias vinha em seguida, e depois Jeiel, Semiramote, Jeiel, Matitias, Eliabe, Benaia, Obede-Edom e Jeiel. Eles deviam tocar lira e harpa enquanto Asafe tocava os címbalos. 6Os sacerdotes Benaia e Jaaziel deviam tocar diariamente as trombetas diante da arca da aliança de Deus.

O Salmo de Gratidão de Davi

7Foi naquele dia que, pela primeira vez, Davi encarregou Asafe e seus parentes de louvarem o Senhor com salmos de gratidão:

8“Deem graças ao Senhor, clamem pelo seu nome,

divulguem entre as nações o que ele tem feito.

9Cantem para ele, louvem-no;

contem todos os seus atos maravilhosos.

10Gloriem-se no seu santo nome;

alegre-se o coração dos que buscam o Senhor.

11Olhem para o Senhor e para a sua força;

busquem sempre a sua face.

12Lembrem-se das maravilhas que ele fez,

dos seus prodígios e das ordenanças que pronunciou,

13ó descendentes de Israel, seu servo,

ó filhos de Jacó, seus escolhidos.

14Ele é o Senhor, o nosso Deus;

seu domínio alcança toda a terra.

15“Para sempre se lembra16.15 Conforme alguns manuscritos da Septuaginta. O Texto Massorético diz lembrem-se. Veja Sl 105.8. da sua aliança,

da palavra que ordenou para mil gerações,

16da aliança que fez com Abraão,

do juramento que fez a Isaque,

17que confirmou para Jacó como um decreto

e para Israel como uma aliança eterna, dizendo:

18‘A vocês darei a terra de Canaã,

a herança que possuirão’.

19“Quando eles ainda eram poucos,

muito poucos, sendo estrangeiros nela

20e vagueando de nação em nação,

de um reino a outro,

21ele não permitiu que ninguém os oprimisse;

por causa deles repreendeu reis, ordenando:

22‘Não maltratem os meus ungidos;

não façam mal aos meus profetas’.

23“Cantem ao Senhor, todas as terras!

Proclamem a sua salvação dia após dia!

24Anunciem a sua glória entre as nações,

seus feitos maravilhosos entre todos os povos!

25“Pois o Senhor é grande e muitíssimo digno de louvor,

ele deve ser mais temido que todos os deuses.

26Pois todos os deuses das nações não passam de ídolos,

mas o Senhor fez os céus.

27O esplendor e a majestade estão diante dele;

força e alegria, na sua habitação.

28“Deem ao Senhor, ó famílias das nações,

deem ao Senhor glória e força!

29Deem ao Senhor a glória devida ao seu nome.

Tragam ofertas e venham à sua presença.

Adorem o Senhor no esplendor da sua santidade,

30tremam diante dele, todas as nações!

Firmou o mundo, e este não se abalará!

31“Que os céus se alegrem e a terra exulte,

e diga-se entre as nações: ‘O Senhor reina!’

32Ressoe o mar e tudo o que nele existe;

exultem os campos e tudo o que neles há!

33Então as árvores da floresta cantarão de alegria,

cantarão diante do Senhor,

pois ele vem julgar a terra.

34“Rendam graças ao Senhor, pois ele é bom;

o seu amor dura para sempre.

35Clamem: ‘Salva-nos, ó Deus, nosso Salvador!

Reúne-nos e livra-nos das nações,

para que demos graças ao teu santo nome

e façamos do teu louvor a nossa glória’.

36Bendito seja o Senhor, o Deus de Israel,

de eternidade a eternidade”.

Então todo o povo exclamou: “Amém!” e “Louvado seja o Senhor!”

37Davi deixou Asafe e seus parentes diante da arca da aliança do Senhor para ali ministrarem regularmente, de acordo com as prescrições para cada dia. 38Também deixou Obede-Edom e seus sessenta e oito parentes para ministrarem com eles. Obede-Edom, filho de Jedutum, e também Hosa foram porteiros.

39Davi deixou o sacerdote Zadoque e seus parentes sacerdotes diante do tabernáculo do Senhor em Gibeom 40para, regularmente, de manhã e à tarde, apresentarem holocaustos no altar de holocaustos, de acordo com tudo o que está escrito na Lei do Senhor, que ele deu a Israel. 41Com eles estavam Hemã e Jedutum e os outros designados para darem graças ao Senhor, exclamando: “O seu amor dura para sempre”. 42Hemã e Jedutum eram responsáveis pelas trombetas, pelos címbalos e pelos outros instrumentos musicais para o culto. Os filhos de Jedutum foram nomeados como porteiros.

43Então todo o povo partiu, cada um para a sua casa, e Davi voltou para casa para abençoar sua família.