1 Beresosɛm 12 – AKCB & NIVUK

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Beresosɛm 12:1-40

Dɔmmarima Kɔka Dawid Asraafodɔm Ho

1Bere a Dawid guan fii Kis babarima Saulo anim kohintaw wɔ Siklag no, saa mmarima yi kɔdɔm no. Na wɔka dɔmmarima a wɔboa Dawid wɔ akodi mu no ho. 2Na wɔn nyinaa yɛ agyantowfo antoamfomfo. Na wotumi de wɔn nsa benkum ne nifa nyinaa tow agyan ne ahwimmo. Na wɔn nyinaa yɛ Saulo abusuafo a wofi Benyamin abusuakuw mu.

3Na nea otua wɔn ano yɛ Semaia a ofi Gibea no babarima Ahieser. Na ne nuabarima ne Yoas a ɔyɛ nʼabediakyiri. Eyinom ne dɔmmarima no nkae:

Asmawet mmabarima Yesiel ne Pelet;

Beraka ne Yehu a wofi Anatot; 4Ismaia a ofi Gibeon, ɔkofo kɛse ne ntuanoni wɔ Aduasa no mu;

Yeremia, Yahasiel, Yohanan ne Yosabad a wofi Gedera; 5Elusai, Yerimot, Bealia, Semaria, ne Sefatia a ofi Harif;

6Elkana, Yesia, Asarel, Yoeser, Yasobeam a wɔyɛ Korafo;

7Yoela, Sebadia, Yeroham mmabarima a wofi Gedor.

8Gadfo akofo akokodurufo bi a wɔakwadaw akodi mu guan kɔɔ Dawid afa bere a na ɔwɔ aguaabɔ mu wɔ sare so no. Na wɔyɛ nimdefo wɔ nkatabo ne peaw akodi mu a wɔn ho yɛ hu sɛ gyata, na wɔn ho yɛ hare te sɛ mmepɔw so atwe.

9Eser na na otua wɔn ano.

Obadia yɛ abediakyiri.

Eliab na ɔto so abiɛsa.

10Nea ɔto so anan ne Mismana.

Nea ɔto so anum ne Yeremia.

11Atai to so asia, Eliel to so ason.

12Yohanan to so awotwe, Elsabad to so akron.

13Yeremia to so du, Makbanai to so dubaako.

14Saa dɔmmarima a wofi Gad yi yɛ asahene. Nea ɔnyɛ den koraa no, otumi ne asraafo ɔha ko, na nea ɔyɛ den no tumi ne asraafo apem ko. 15Afe no mfiase a Asubɔnten Yordan ayiri no, wotwa kɔpam nnipa a wɔtete tataw so wɔ nʼapuei ne nʼatɔe konkɔn so nyinaa fii hɔ.

16Afoforo a wofi Benyamin ne Yuda no baa Dawid nkyɛn wɔ hintabea hɔ. 17Dawid kohyiaa wɔn kae se, “Sɛ moaba asomdwoe so sɛ morebɛboa me a, yɛyɛ nnamfo. Na sɛ moaba sɛ morebeyi me ama mʼatamfo wɔ bere a menyɛɛ bɔne bi a, yɛn agyanom Nyankopɔn nhwɛ mmu mo atɛn.”

18Na honhom no sii Amasai a akyiri no ɔbɛyɛɛ Aduasa no so panyin no so, na ɔkae se,

“Yɛyɛ wo dea, Dawid!

Yɛwɔ wʼafa, Yisai ba;

Asomdwoe ne nkɔso nyɛ wo kyɛfa

na wʼaboafo nyinaa nya nkɔso,

efisɛ wo Nyankopɔn ne nea ɔboa wo.”

Enti Dawid ma wɔbɛkaa ne ho, na ɔyɛɛ wɔn mpanyimfo wɔ nʼakofo mu.

19Manase mmarima no bi tew wɔn ho kɔdɔm Dawid, bere a na ɔne Filistifo no rekɔko atia Saulo no. Nanso asɛm no ani dan a Filistifo ntuanofo ampene so sɛ Dawid ne ne mmarima no bɛka wɔn ho akɔ. Wodwinnwen ho ara no, wɔma wɔsan wɔn akyi kae se, “Sɛ Dawid dan nʼani kɔ Saulo afa de tia yɛn a, yɛn nkwa na yɛde betwa so.” 20Manase mmarima a wɔtew wɔn ho kɔɔ Dawid afa, bere a na ɔresan akɔ Siklag no ne Adna, Yosabad, Yediael, Mikael, Yosabad, Elihu ne Siletai. Na wɔn mu biara da asraafo apem ano. 21Wɔboaa Dawid ma ɔtaa afowfo no, efisɛ na wɔyɛ akokodurufo ne akofo akɛse a wɔbɛyɛɛ asahene wɔ nʼakofo mu. 22Adekyee biara, mmarima bebree kɔdɔm Dawid kosii sɛ onyaa asraafodɔm a ɛso te sɛ Onyankopɔn de.

23Eyinom ne akofo akɛse dodow a wɔdɔm Dawid wɔ Hebron no. Na wɔn nyinaa pɛ sɛ Dawid si Saulo anan mu di hene, sɛnea Awurade ahyɛ ato hɔ no.

24Akofo akɛse a wofi Yuda abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem asia ne ahanwɔtwe a wokurakura nkatabo ne mpeaw.

25Akofo akɛse a wofi Simeon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem ason ne ɔha.

26Asraafo a na wofi Lewi abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem anan ne ahansia. 27Na Yehoiada a otua Aaron abusua no ano no wɔ asraafo mpem abiɛsa ne ahanson a wɔhyɛ nʼase. 28Saa ara nso na na Sadok, ɔbabun ɔkofo kɛse ne nʼabusuafo aduonu abien a wɔn nyinaa yɛ asraafo mpanyimfo ka ho.

29Akofo akɛse a wofi Benyamin abusuakuw mu a wɔyɛ Saulo abusuafo no, na wɔn dodow yɛ mpem abiɛsa (3,000). Na Benyaminfo no mu fa kɛse no taa Saulo akyi ara.

30Akofo akɛse a wofi Efraim abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu ne ahanwɔtwe (20,800) a wɔn mu biara agye din wɔ nʼabusua mu.

31Manase abusuakuw fa a na ɛwɔ Yordan atɔe fam no nso, wotuu mmarima mpem dunwɔtwe (18,000) a wɔn botae ara ne sɛ wɔbɛboaa Dawid ma wadi hene.

32Ntuanofo a wofi Isakar abusuakuw mu ne wɔn abusuafo dodow yɛ ahannu. Na saa mmarima yi nyinaa te nsɛm a ɛrekɔ so saa bere no ase, na wonim ɔkwan pa a eye ma Israel nso.

33Akofo a wɔakwadaw akodi mu a wofi Sebulon abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonum (50,000). Na wɔakɔ amia mu ayɛ krado ama akodi, na na wɔtaa Dawid akyi pintinn.

34Wɔn a wofi Naftali abusuakuw mu no yɛ asraafo mpanyimfo apem (1,000) ne akofo akɛse mpem aduasa ason (37,000) a wokurakura nkatabo ne mpeaw.

35Akofo a wofi Dan abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduonu awotwe ne ahansia (28,600) a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko.

36Akofo akɛse a wɔatetew wɔn yiye a wofi Aser abusuakuw mu no, na wɔn dodow yɛ mpem aduanan (40,000) a wɔn nyinaa ayɛ krado ama ɔko.

37Ruben, Gad mmusuakuw ne Manase abusuakuw fa a na wɔtete Asubɔnten Yordan apuei fam no maa asraafo mpem ɔha ne aduonu (120,000) a wɔwɔ akode ahorow nyinaa.

38Saa asraafo yi nyinaa kɔɔ amia mu na wɔkɔɔ Hebron a wɔn botae ara ne sɛ wɔde Dawid bɛyɛ Israelhene.

Nokware, Israel nyinaa adwene kɔɔ bɛnkorɔ mu sɛ, ɛsɛ sɛ Dawid na ɔyɛ wɔn hene. 39Wɔne Dawid didi nomee nnansa, efisɛ na wɔn abusuafo no ayɛ ahoboa rehwɛ wɔn kwan. 40Nnipa bi a wofi akyiri te sɛ Isakar, Sebulon, ne Naftali de nnuan tenaa wɔn mfurum, yoma ne anantwi so bae. Wɔde asikresiam, ɔfam, ɛhyɛ, nsa, ngo, anantwi ne nguan bebree baa afahyɛ no ase. Anigye a enni kabea baa Israel asase so.

New International Version – UK

1 Chronicles 12:1-40

Warriors join David

1These were the men who came to David at Ziklag, while he was banished from the presence of Saul son of Kish (they were among the warriors who helped him in battle; 2they were armed with bows and were able to shoot arrows or to sling stones right-handed or left-handed; they were relatives of Saul from the tribe of Benjamin):

3Ahiezer their chief and Joash the sons of Shemaah the Gibeathite;

Jeziel and Pelet the sons of Azmaveth;

Berakah, Jehu the Anathothite, 4and Ishmaiah the Gibeonite, a mighty warrior among the Thirty, who was a leader of the Thirty;

Jeremiah, Jahaziel, Johanan, Jozabad the Gederathite,12:4 In Hebrew texts the second half of this verse (Jeremiah… Gederathite) is numbered 12:5, and 12:5-40 is numbered 12:6-41. 5Eluzai, Jerimoth, Bealiah, Shemariah and Shephatiah the Haruphite;

6Elkanah, Ishiah, Azarel, Joezer and Jashobeam the Korahites;

7and Joelah and Zebadiah the sons of Jeroham from Gedor.

8Some Gadites defected to David at his stronghold in the wilderness. They were brave warriors, ready for battle and able to handle the shield and spear. Their faces were the faces of lions, and they were as swift as gazelles in the mountains.

9Ezer was the chief,

Obadiah the second in command, Eliab the third,

10Mishmannah the fourth, Jeremiah the fifth,

11Attai the sixth, Eliel the seventh,

12Johanan the eighth, Elzabad the ninth,

13Jeremiah the tenth and Makbannai the eleventh.

14These Gadites were army commanders; the least was a match for a hundred, and the greatest for a thousand. 15It was they who crossed the Jordan in the first month when it was overflowing all its banks, and they put to flight everyone living in the valleys, to the east and to the west.

16Other Benjaminites and some men from Judah also came to David in his stronghold. 17David went out to meet them and said to them, ‘If you have come to me in peace to help me, I am ready for you to join me. But if you have come to betray me to my enemies when my hands are free from violence, may the God of our ancestors see it and judge you.’

18Then the Spirit came on Amasai, chief of the Thirty, and he said:

‘We are yours, David!

We are with you, son of Jesse!

Success, success to you,

and success to those who help you,

for your God will help you.’

So David received them and made them leaders of his raiding bands.

19Some of the tribe of Manasseh defected to David when he went with the Philistines to fight against Saul. (He and his men did not help the Philistines because, after consultation, their rulers sent him away. They said, ‘It will cost us our heads if he deserts to his master Saul.’) 20When David went to Ziklag, these were the men of Manasseh who defected to him: Adnah, Jozabad, Jediael, Michael, Jozabad, Elihu and Zillethai, leaders of units of a thousand in Manasseh. 21They helped David against raiding bands, for all of them were brave warriors, and they were commanders in his army. 22Day after day men came to help David, until he had a great army, like the army of God.12:22 Or a great and mighty army

Others join David at Hebron

23These are the numbers of the men armed for battle who came to David at Hebron to turn Saul’s kingdom over to him, as the Lord had said:

24from Judah, carrying shield and spear – 6,800 armed for battle;

25from Simeon, warriors ready for battle – 7,100;

26from Levi – 4,600, 27including Jehoiada, leader of the family of Aaron, with 3,700 men, 28and Zadok, a brave young warrior, with 22 officers from his family;

29from Benjamin, Saul’s tribe – 3,000, most of whom had remained loyal to Saul’s house until then;

30from Ephraim, brave warriors, famous in their own clans – 20,800;

31from half the tribe of Manasseh, designated by name to come and make David king – 18,000;

32from Issachar, men who understood the times and knew what Israel should do – 200 chiefs, with all their relatives under their command;

33from Zebulun, experienced soldiers prepared for battle with every type of weapon, to help David with undivided loyalty – 50,000;

34from Naphtali – 1,000 officers, together with 37,000 men carrying shields and spears;

35from Dan, ready for battle – 28,600;

36from Asher, experienced soldiers prepared for battle – 40,000;

37and from east of the Jordan, from Reuben, Gad and the half-tribe of Manasseh, armed with every type of weapon – 120,000.

38All these were fighting men who volunteered to serve in the ranks.

They came to Hebron fully determined to make David king over all Israel. All the rest of the Israelites were also of one mind to make David king. 39The men spent three days there with David, eating and drinking, for their families had supplied provisions for them. 40Also, their neighbours from as far away as Issachar, Zebulun and Naphtali came bringing food on donkeys, camels, mules and oxen. There were plentiful supplies of flour, fig cakes, raisin cakes, wine, olive oil, cattle and sheep, for there was joy in Israel.