1 Ahemfo 9 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 9:1-28

Awurade Mmuae

1Bere a Salomo wiee Awurade asɔredan no ne ahemfi no si no, ohuu sɛ wayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie. 2Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛnea na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dedaw no. 3Awurade ka kyerɛɛ no se:

“Mate wo mpaebɔ ne wʼadesrɛ. Matew saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛnea wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho.

4“Na wo, sɛ wode nokware ne nyamesuro di mʼakyi, sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na odii me mmara ne mʼahyɛde nyinaa so no a, 5metim wʼahenni nnidiso ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛnea meka kyerɛɛ wʼagya Dawid se, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi ntena Israel ahengua no so da no.’

6“Na sɛ wo anaa wo mmabarima dan fi me ho, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na sɛ wofi akyi kɔsom anyame afoforo, sɔre wɔn a, 7ɛno de, metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a matew ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aserewde wɔ nnipa nyinaa mu. 8Na ɛwɔ mu sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso wɔn a wobetwa mu wɔ ho no betwiri no, adi ho abooboo, abisa se, ‘Adɛn nti na Awurade ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’ 9Nnipa bebua se, ‘Efisɛ wɔapa Awurade, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforo a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno nti na Awurade ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’ ”

Salomo Ne Huram Nhyehyɛe

10Mfe aduonu a Salomo de sii Awurade asɔredan no ne ahemfi no akyi, 11ɔhene Salomo de nkurow aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, efisɛ Huram maa no sida nnua ne ɔpepaw nnua ne sikakɔkɔɔ a na ohia. 12Huram fii Tiro kɔhwɛɛ nkurow a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa. 13Obisae se, “Me nua, na nkurow bɛn na wode ama me yi? Saa nkurow yi nni mu!” Enti ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Nea enni mu” de besi nnɛ. 14Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔn anan akɔma Salomo.

Salomo Nkɔsodwuma

15Ɔkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wosii Awurade asɔredan no ne nʼahemfi, Milo, Yerusalem fasu ne Hasor, Megido ne Geser nkurow no ni: 16Misraimhene kotuaa Geser, gyee hɔ fae. Okum Kanaanfo a wɔte kurow no mu nyinaa, hyew hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babea no sɛ akyɛde bere a ɔwaree Salomo no. 17Enti Salomo san kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsan kyekyeree nkurow a ɛwɔ Bet-Horon anafo, 18Baalat ne Tamar wɔ sare so, nʼasase so. 19Ɔkyekyeree nkurow a na wɔkora nnuan wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼaheman nyinaa, sɛnea ne koma pɛ.

20Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Wɔne Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. 21Eyinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefo. Enti Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfo, na wɔda so yɛ de besi nnɛ. 22Nanso Salomo anhyɛ Israelfo amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔma wɔyɛɛ asraafo, aban adwumayɛfo. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakofo, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafo so asahene. 23Afei, oyii wɔn mu ahannum ne aduonum ma wɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma ahorow so.

24Bere a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babea no fii Dawid kurow no mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu no, ɔkyekyee Milo.

25Na Salomo bɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ma Awurade afe biara wɔ afɔremuka a osii no so mprɛnsa. Na ɔne wɔn hyew aduhuam nso ma Awurade sɛ asodi a ɛda hɔ ma no wɔ asɔredan no.

26Ɔhene Salomo yɛɛ po so ahyɛn nso wɔ Esion-Geber,9.26 Salomo nsa a ɛkaa hyɛngyinabea a ɛwɔ Esion kurow a ɛwɔ Edom no na ɛma onyaa kwan kɔɔ Po Kɔkɔɔ no ne India Pohahanaa no so. hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no mpoano. 27Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfo a wonim hyɛn mu adwuma yiye no, ne Salomo nkurɔfo de ahyɛn no yɛɛ adwuma. 28Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir,9.28 Nnipa bebree akyerɛ wɔn adwene afa baabi a Ofir da nnɛ yi ho. Ebi se ɛwɔ Arabia mpoano anaa Somalia anaa India anaa Zimbabwe. na wɔsan de sikakɔkɔɔ nsania ani nkaribo tɔn 16 brɛɛ Salomo.

Japanese Contemporary Bible

列王記Ⅰ 9:1-28

9

ソロモンに現れた主

1ソロモン王が神殿と宮殿、それに前々から建てたいと望んでいた建物をすべて完成させた時、 2-3かつてギブオンで現れた主が、再びソロモンに現れて語りました。「わたしはあなたの祈りを聞いた。あなたの建てたこの神殿をいつまでもわたしのものとしよう。いつも喜んでここを見守っていよう。 4父ダビデのように、あなたもわたしの前で誠実で、いつもわたしの命じることを守るなら、 5父ダビデに、『あなたの子孫が、いつもイスラエルの王座につくようにする』と約束したとおり、あなたの子孫を永遠にイスラエルの王座につかせよう。 6しかし、もしあなたか、あなたの子孫がわたしに背き、わたしのおきてを捨ててほかの神々を拝むなら、 7イスラエルの民を、彼らに与えた地から追い払う。また、わたしにささげられた神殿を投げ捨てる。イスラエルは、すべての国々の物笑いとなり、見せしめとなるだろう。 8この神殿も廃墟と化し、そばを通る者はみな驚いてささやき、『なぜ主は、この地と神殿とをこのようにされたのだろう』と聞くだろう。 9その時人々は、『イスラエルの民は、エジプトから連れ出していただいた神を捨て、ほかの神々を拝むようになった。だから神はこのような災いを下されたのだ』と言うだろう。」

その他のソロモンの事業

10二十年がかりで、神殿と宮殿を建て終えたソロモン王は、 11-12ツロの王ヒラムに、ガリラヤにある二十の町を与えました。ヒラムが建築用のレバノン杉と糸杉の材木や金を提供してくれたお返しでした。ところが、ヒラムは町々を視察して、それが気に入らなかったので、 13「いったい何ですか。これでは、まるっきり荒れ地ではないか」と言いました。それで今も、その町々は「カブルの地」(「荒れ果てた地」の意)と呼ばれています。 14ヒラムはソロモンに、実に百二十タラント(四トン)の金を贈っていたからです。

15ソロモン王は労働者を集めて、神殿と宮殿のほかにも、ミロの要塞、エルサレムの城壁、ハツォルとメギドとゲゼルの町々を造りました。 16ゲゼルは、以前エジプトの王が攻め取って焼き払い、そこに住むカナン人を殺した町ですが、のちに、ソロモンの妻となった自分の娘に結婚の贈り物として与えていました。 17-18そこでソロモンは、下ベテ・ホロン、バアラテ、荒野の町タデモルとともに、このゲゼルを再建したのです。 19王はまた、穀物倉庫の町を建て、戦車隊や騎兵隊の駐留する町、それに別荘の町をエルサレム近郊やレバノン山麓、その他の地に造りました。

20-21ソロモン王は、エモリ人、ヘテ人、ペリジ人、ヒビ人、エブス人など、征服した国々の生き残った者を奴隷として用いました。イスラエル人がこれらの国を征服した時、完全に滅ぼすことができずに生き残った者たちです。 22しかし、イスラエル人を奴隷にはしませんでした。イスラエル人は、兵士、役人、将校、戦車隊と騎兵隊の長にしました。 23また、奴隷を監督するイスラエル人が五百五十人いました。

24ソロモン王は、ファラオの娘をエルサレムの旧市内に当たるダビデの町から、宮殿の中に建てた建物に移した時、ミロの要塞を造りました。

25神殿が完成してから、王は年に三度、祭壇に、焼き尽くすいけにえと和解のいけにえをささげ、そこで香をたきました。

26またソロモン王は、エドムの地の、紅海に面したエラテに近いエツヨン・ゲベルに造船所を造り、そこで船団を組みました。 27-28ヒラム王はこの船団の乗組員を補強するため、熟練した水夫を差し向けました。彼らはオフィルとの間を往復し、四百二十タラント(約十四トン)もの金を、ソロモン王のもとへ運んだのです。