1 Ahemfo 20 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 20:1-43

Ben-Hadad Tow Hyɛ Samaria So

1Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakofo nyinaa ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafo aduasa abien de ka ne ho. Wokotuaa Israel kuropɔn Samaria ano, tow hyɛɛ so. 2Ben-Hadad somaa abɔfo kɔɔ kurow no mu, sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab se, “Ben-Hadad se, 3‘Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ yɛ me de. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu apapa no nso yɛ me de.’ ”

4Ahab buae se, “Mate, me wura! Nea mewɔ nyinaa yɛ wo de.”

5Ankyɛ biara Ben-Hadad abɔfo san baa bio bɛkae se, “Ben-Hadad se, ‘Maka dedaw sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me. 6Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma me mpanyimfo, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfi ne mo nkurɔfo afi. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’ ”

7Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofo no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ sɛnea saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dedaw sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.”

8Ntuanofo ne nnipa no nyinaa kae se, “Ntie no, na nnye nʼabisade no nto mu.”

9Enti Ahab ka kyerɛɛ abɔfo a wofi Ben-Hadad nkyɛn bae no se, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene se, ‘Biribiara a obisaa kan no de, mede bɛma no. Na nea obisaa no akyiri yi de, merentumi mfa mma no.’ ” Enti Ben-Hadad abɔfo no san kɔbɔɔ no amanneɛ.

10Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfutuma dodow bi ka a ɛbɛboro asraafo no mu biara nsa ma a, anyame no ntwe mʼaso nea ɛyɛ den.”

11Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofo kɛse a ɔrefa nʼafoa akɔ akono tu ne ho sɛ ɔkofo kɛse a wadi nkonim dedaw.”

12Ahab mmuae yi duu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom bere a na wɔrenom nsa wɔ wɔn ntamadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no se, “Munsiesie mo ho nkɔko.” Enti wosiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔtow ahyɛ kuropɔn no so.

Ahab Di Ben-Hadad So Nkonim

13Na odiyifo bi behuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni, ‘Wuhu saa atamfo dɔm yi? Nnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wubehu sɛ mene Awurade.’ ”

14Ahab bisae se, “Na dɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifo no buae se, “Sɛnea Awurade se ni, ‘Asraafo so asahene a wotuatua amansin ano no na wɔbɛyɛ.’ ”

Ahab bisae se, “Enti yenni kan ntow nhyɛ wɔn so ana?”

Odiyifo no buae se, “Yiw.”

15Enti Ahab boaboaa asraafo so asahene nkumaa ahannu aduasa abien wɔhyehyɛ amansin asahene ase ano. Afei, ɔfrɛɛ Israel akofo a wɔaka a wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ason no. 16Ɛbɛyɛ owigyinae a Ben-Hadad ne nʼapamfo ahemfo aduasa abien gu so rebow nsa wɔ wɔn ntamadan mu no, 17amansin asahene asraafo no tuu teɛe, fii kurow no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafo ka kyerɛɛ no se, “Asraafo dɔm bi fi Samaria reba.”

18Ben-Hadad hyɛe se, “Sɛ wɔbaa asomdwoe anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.”

19Nanso saa bere no, na Ahab amansin asahene nkumaa no adi kan a asraafo no bɔ wɔn kyidɔm 20a Israel ɔsraani biara kum ne tamfo Aram ɔsraani a ɔne no dii asi. Ɛno nti, amono mu hɔ ara, Aram asraafo no bɔɔ hu, guanee. Israelfo no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfo kakra bi de, wɔtenaa apɔnkɔ so guanee. 21Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkum Aramfo no.

22Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ Ahab se, “Siesie wo ho ma ɔko foforo na Aramhene bɛba asusowbere mu.”

Ben-Hadad Ɔtow A Ɛto So Abien

23Wodii Ben-Hadad so no, ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ no se, “Israel anyame no yɛ mmepɔw anyame, na ɛno nti na ɛma wodii nkonim no. Na sɛ wodu tataw so a, yebedi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa. 24Nea ɛho hia ara ne sɛ, saa bere yi, ɛsɛ sɛ wode akono asahene sisi ahemfo no anan mu. 25Momfa asraafo foforo a wɔn dodow te sɛ wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodow, nteaseɛnam ne mmarima dodow saa ara, na yebetumi ne wɔn adi asi wɔ tataw so. Akyinnye biara nni ho sɛ yebedi wɔn so.” Enti ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisade maa wɔn.

26Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafo, tuu teɛ kɔɔ Israelfo so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko. 27Israel boaboaa nʼasraafo ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel asraafo no toto Aram asraafo no dodow a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel asraafo no dodow te sɛ mmirekyikuw nketewa abien bi.

28Onyankopɔn nipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni: Aramfo no aka se, ‘Awurade yɛ mmepɔw Awurade na ɔnyɛ tataw so Awurade. Enti mɛboa wo ama woadi asraafo buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahu sɛ, mene Awurade no.’ ”

29Asraafo dɔm abien yi bobɔɔ wɔn atenae, ma edii nhwɛanim nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ ase. Da no ara, Israelfo no kunkum Aram anammɔnmufo asraafo no mpem ɔha. 30Nkae no guan kɔtɛw Afek fasu akyi, nanso ɔfasu no bu guu wɔn so, kum mpem aduonu ason. Ben-Hadad guan kɔtɛw kokoa mu dan bi mu wɔ kurow no mu.

31Ben-Hadad mpanyimfo ka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔbɔ. Ɛno nti, momma yemfura atweaatam, mfa hama mmɔ yɛn ti ase mfa nkyerɛ ahobrɛase. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.”

32Enti wofurafuraa atweaatam, de ahama bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisae se, “Ɔda so te ase ana? Ɔyɛ me nuabarima!”

33Mmarima no yɛɛ ntɛm soo anidaso a enni nnyinaso yi mu, buae se, “Yiw, wo nua Ben-Hadad.”

Israelhene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔfa no mmra.” Bere a wɔde Ben-Hadad bae no, Ahab ma ɔkɔtenaa ne teaseɛnam mu.

34Ben-Hadad ka kyerɛɛ no se, “Mede nkurow a mʼagya gye fii wʼagya nsam no bɛsan ama wo, na woahyehyɛ aguadi wɔ Damasko, sɛnea mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.”

Na Ahab kae se, “Saa nhyehyɛe yi so na megyina na magyaa wo.” Enti, wɔyɛɛ apam, na wogyaa Ben-Hadad.

Odiyifo Bi Bu Ahab Atɛn

35Bere no ara mu, Awurade see adiyifokuw no mu baako se, ɔnka nkyerɛ ɔfoforo se, “Fa wʼakode no bɔ me.” Nanso wanyɛ.

36Na saa odiyifo no ka kyerɛɛ ɔfoforo no se, “Sɛ woantie Awurade nne nti, sɛ wufi ha ara pɛ a, gyata bekum wo.” Ampa ara, ofii hɔ ara pɛ na gyata huu no kum no.

37Na odiyifo no kɔɔ ɔbarima foforo nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wʼakode yi bɔ me.” Ɔno de, ɔbɔɔ odiyifo no, piraa no.

38Odiyifo no twɛn ɔhene no wɔ ɔkwankyɛn a ɔde ntamabamma akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakra ne ho. 39Ɔhene no retwa mu no, odiyifo no frɛɛ no se, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkae se, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi nti oguan a, wobekum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa awotwe.’ 40Na bere a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no guanee. Na ɔhene no kae se, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomso. Wo ara woabu wo ho atɛn.’ ”

41Ɛhɔ ara na odiyifo no san ntamabamma no fii nʼani, na Israelhene no huu no sɛ ɔyɛ adiyifo no mu baako. 42Na odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Sɛnea Awurade se ni: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekae se, ɛsɛ sɛ wokum no no nti, ɛsɛ sɛ wokum wo mprempren si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo na mukunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfo na wobekunkum wɔn.” 43Israelhene no de abufuw kɔɔ nʼahemfi wɔ Samaria.

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

列王紀上 20:1-43

亞蘭王攻打撒瑪利亞城

1亞蘭便·哈達率領全軍,聯合三十二個王,帶著車馬圍攻撒瑪利亞2他派遣使者進城對以色列亞哈說: 3便·哈達說,『你的金銀和你家中最美的妻妾兒女都是我的。』」 4以色列王說:「我主我王啊,我答應你的要求,我和我的一切都是你的。」

5不久,使者又來對他說:「便·哈達說,『我已派人吩咐你把金銀、妻妾和兒女都給我。 6明天這個時候,我會派屬下搜查你的王宮和你臣僕的家,他們要拿走你珍愛的一切。』」 7以色列亞哈召集國中的長老,說:「你們看,這人是在找麻煩。他派人來要我的妻妾、孩子和金銀,我沒有拒絕他。」 8長老和百姓都說:「別聽從他,別答應他。」

9於是,他對使者說:「你們告訴我主我王,他第一次所要的,僕人可以照辦,但這一次所要的,僕人不能從命。」使者就去回覆便·哈達10便·哈達又派人去對亞哈說:「若撒瑪利亞的塵土夠我的士兵每人抓一把,願神明重重地懲罰我。」 11以色列王說:「你去告訴便·哈達,叫他別剛穿上盔甲就誇口,打完仗卸下盔甲再誇口吧。」 12便·哈達和諸王正在營中飲酒,聽見這話,就吩咐屬下準備攻城。

亞哈打敗便·哈達

13一位先知來見以色列亞哈,說:「耶和華說,『你看見這大隊人馬了嗎?今天我必將他們交在你手裡,這樣你就知道我是耶和華。』」 14亞哈問:「誰來完成這任務呢?」先知答道:「耶和華說,省長屬下的青年軍。」亞哈問:「誰來做統領呢?」先知答道:「你。」

15於是,亞哈召集了省長屬下的青年軍二百三十二人,又召集以色列全軍,共七千人。

16中午,便·哈達正跟盟軍的三十二個王在營中狂飲的時候,亞哈率軍出發了。 17省長屬下的青年軍率先出城。便·哈達派出的巡邏隊稟告他說:「有人從撒瑪利亞城出來了。」 18便·哈達說:「不管他們是來求和還是求戰,都要生擒他們!」 19省長屬下的青年軍率先出城,大軍緊隨其後, 20他們見敵人就殺。亞蘭人敗逃,以色列人乘勢追擊。亞蘭便·哈達騎著馬與一些騎兵落荒而逃。 21以色列王出城攻擊敵軍車馬,重創亞蘭人。

22先知又來見以色列王,說:「你要加強防衛,做好準備,因為明年春天亞蘭王必捲土重來。」

23臣僕給亞蘭王獻計說:「以色列人的神是山神,所以他們佔了上風,我們若在平原上跟他們交戰,一定會取勝。 24王應該撤去諸王,委任將領代替他們, 25再招募軍兵,補充失去的戰車和人馬,好在平原上跟他們交戰,這樣我們一定會取勝。」王採納了他們的建議。

26第二年春天,便·哈達召集亞蘭人進軍亞弗,攻打以色列人。 27以色列人也召集軍隊,準備糧草,迎戰敵軍。他們在亞蘭人對面安營,像兩小群山羊,而敵軍卻滿山遍野。 28有位上帝的僕人來見以色列王,說:「耶和華說,『亞蘭人以為我耶和華是山神,不是平原的神,所以我必將這大隊人馬交在你手裡,這樣你們就知道我是耶和華。』」

29以色列人和亞蘭人兩軍對峙,一連七天。第七天,兩軍交戰,以色列軍一天殺了十萬亞蘭步兵, 30殘餘的亞蘭人都逃進亞弗城,但城牆倒塌壓死了兩萬七千人。便·哈達也逃進城,躲在一間房子的內室裡。 31臣僕對他說:「我們聽說以色列王很仁慈。現在,我們不如腰束麻布,頭套繩索,向以色列王請降,或許他會饒王一命。」 32他們便腰束麻布,頭套繩索,來見以色列王,說:「僕人便·哈達求王開恩饒命啊!」亞哈回答說:「他還活著嗎?他是我的兄弟。」 33他們聽見亞哈的口氣溫和,連忙附和說:「是啊,便·哈達是王的兄弟。」亞哈便吩咐他們去把便·哈達帶來見他,然後讓便·哈達登上他的戰車。 34便·哈達亞哈說:「我必歸還我父親從你父親那裡奪來的城邑,你可以在大馬士革設立貿易區,就像我父親在撒瑪利亞所設立的一樣。」亞哈回答說:「你依此立個約,我就放你走。」立約之後,亞哈就放便·哈達走了。

先知責備亞哈

35眾先知中有一位奉耶和華的命令對他的同伴說:「你打我吧!」同伴卻不肯動手。 36那位先知就對他說:「既然你不聽從耶和華的吩咐,你一離開我,就會被獅子咬死。」那同伴走後,果然遇見獅子,被咬死了。 37那先知又找了一個人,叫那人打他,那人就打他,把他打傷了。 38先知用頭巾蒙著眼睛,喬裝改扮,在路旁等候亞哈王。 39亞哈王經過的時候,他向王喊道:「僕人在打仗的時候,有人押來一個俘虜,要我看管,他說如果俘虜跑掉,我就要以性命抵償或賠償三十四公斤銀子。 40可是那俘虜趁僕人忙亂之際跑掉了。」亞哈王說:「這是你自己的過失,你要自負其咎。」 41先知立刻拿去蒙眼的頭巾,以色列王認出他是個先知。 42他對王說:「耶和華說,『你放走了我決定要毀滅的人,所以你的命要抵他的命,你百姓的命要抵他百姓的命。』」 43以色列王悶悶不樂地回撒瑪利亞的王宮去了。