1 Ahemfo 14 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

1 Ahemfo 14:1-31

Ahiya Nkɔmhyɛ A Etia Yeroboam

1Saa bere no, Yeroboam babarima Abia yaree denneennen. 2Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere se, “Sesa wo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu wo sɛ wone ɔhemmea no. Na kɔ odiyifo Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me se medi hene no nkyɛn wɔ Silo. 3Fa brodo mua du, ɔfam ne ɛwo tumpan kɔkyɛ no, na bisa no nea ɛbɛba abarimaa no so.”

4Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fi wɔ Silo. Saa bere no na wabɔ akwakoraa a onhu ade. 5Nanso na Awurade aka akyerɛ Ahiya se, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforo. Obebisa wo ne babarima no ho asɛm, efisɛ ɔyare denneennen. Sɛ ɛba saa a, fa mmuae a mede bɛma wo no ma no.”

6Na Ahiya tee ne nan ase wɔ pon ano no, ɔfrɛe se, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn nti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforo?” Na ɔka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo. 7Fa saa nkra yi a efi Awurade, Israel Nyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam se, ‘Mepagyaw wo fi mpapahwekwa mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene. 8Mituu ahemman no ase fii Dawid fi, de maa wo. Nanso woammu wo bra te sɛ me somfo Dawid a odii mʼahyɛde so a ɔde ne koma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no. 9Bɔne a woayɛ no dɔɔso sen wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo wo no. Woayɛ anyame afoforo ma ɛnam so ama me bo afuw wo, wo sikakɔkɔɔ nantwi mma no nti. Na esiane sɛ woadan wʼakyi akyerɛ me nti, 10mede amanehunu bɛba wo fi ahenni nnidiso so, na mekum wo mmabarima nyinaa, akoa ne nea odi ne ho so nso. Mɛhyew wʼahenni nnidiso no ase, sɛnea obi hyew wura ma ase tu koraa no. 11Me, Awurade, meka ntam se, wo fifo a wobewuwu wɔ kurow no mu no, akraman na wɔbɛwe wɔn nam, na wɔn a wobewuwu wuram no nso, apete na wɔbɛsosɔw wɔn nam.’ ”

12Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere se, “Kɔ fie, na sɛ wuwura kurow no mu ara pɛ a, abofra no bewu. 13Na Israel nyinaa besu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ofi mo fi a wobesie no yiye, na saa abofra no nko na Awurade, Israel Nyankopɔn, hu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fifo nyinaa mu. 14Na Awurade bɛpagyaw ne hene a obedi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fifo ase. Saa asɛm no besi nnɛ yi ara, saa dɔnhwerew yi ara mu. 15Na Awurade bɛwosow Israel te sɛ sibiri a ehinhim wɔ asuwa ani. Obetutu Israelfo ase afi saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, efisɛ wɔnam som a wɔsom Asera nnua no so ahyɛ Awurade abufuw. 16Ɔbɛto Israel asaworam, efisɛ Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.”

17Na Yeroboam yere san kɔɔ Tirsa. Na bere a owuraa ne fi no, abofra no wui. 18Bere a Israelfo siee no no, wosuu no sɛnea Awurade nam odiyifo Ahiya so hyɛe no.

19Yeroboam ahenni ho nsɛm nkae, nʼakodi nyinaa ne ɔkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma Mu. 20Yeroboam dii ade wɔ Israel mfe aduonu abien. Owui no, ne babarima Nadab na odii nʼade sɛ ɔhene.

Rehoboam, Yuda Hene

21Na Salomo babarima Rehoboam na na odi hene wɔ Yuda. Bere a odii ade no, na wadi mfe aduanan baako, na odii ade mfe dunson wɔ Yerusalem, kurow a na Awurade ayi wɔ Israel mmusuakuw no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. 22Bere a na Rehoboam di ade no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne Awurade anim, maa ne bo fuw wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sen nea wɔn agyanom no yɛe mpo. 23Wosisii abosomfi, gyinaa dannua a wɔatew ho ne Asera nnua wɔ bepɔw biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. 24Mpo, na abosomfi mmarima nguamanfo wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwade ahorow a amanaman a wɔsom abosom no yɛe nti a Awurade pam wɔn fii asase no so maa Israelfo no.

25Rehoboam dii ade ne mfe anum so no, Misraimhene Sisak bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. 26Ɔbɔ wuraa Awurade Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛe no ka ho. 27Akyiri no, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo no nsa sɛ wɔnhwɛ so. 28Bere biara a ɔhene no kɔ Awurade Asɔredan mu hɔ no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu.

29Na Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma a odii no de, wɔankyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? 30Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. 31Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom korabea wɔ Dawid kurom. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonnibea. Na ne babarima a ne din de Abiyam na odii nʼade sɛ ɔhene.

Japanese Contemporary Bible

列王記Ⅰ 14:1-31

14

ヤロブアムの息子の死

1ヤロブアム王は息子アビヤが重病になったため、 2妻に言いました。「王妃だと気づかれないように変装して、シロの預言者アヒヤのところへ行ってくれ。私が王になると言ってくれた人だ。 3みやげに、パン十個といちじく菓子、それにはちみつを持って行き、あの子が治るかどうか、聞いてもらいたいのだ。」

4王妃は、シロにあるアヒヤの家へ出かけました。アヒヤはもうかなりの年で、目が見えません。 5しかし主は彼に、「変装した王妃が子どものことで聞きに来る。子どもが重態だからだ」と伝えて、どう返事すべきかを教えました。

6そこでアヒヤは、戸口に彼女の足音を聞くと、「王妃、お入りください。なぜ、ほかの人のようなふりをしておいでなのか」と声をかけ、次のように言いました。「実は、悲しいお知らせがあります。 7これはイスラエルの神、主から、王様へのお告げです。『わたしは身分の卑しいあなたを抜擢し、イスラエルの王とした。 8ダビデの家から王国を引き裂き、あなたのものとした。ところがあなたは、ダビデのようには、わたしの命令を聞かなかった。ダビデはいつも心の底からわたしに従い、わたしの意にかなうことをした。 9しかしあなたはこれまでのどの王よりも悪く、わたし以外の神々を造り、金の子牛を造って、わたしをひどく怒らせた。このように、わたしの恵みを無視したので、 10あなたの家に災いを下し、病気の子どもだけでなく、ほかの元気な子どもも全部絶ち滅ぼす。あなたの家族を肥やしのようにすべて葬り去る。 11町の中で死ぬ者はみな犬に食われ、野で死ぬ者はみな鳥に食われる。』

12さあ、家へお帰りなさい。あなたが町に足を一歩踏み入れる時、病気のお子は死にます。 13イスラエル中の人がその死を悲しみ、手厚く葬ってくれます。けれどもその子は、ご一族で平穏な最期を迎える、ただ一人の者となるでしょう。ヤロブアム家で、その子だけがイスラエルの神、主のお気に召したからです。 14主は、イスラエルに一人の王をお立てになります。その王がヤロブアム家を滅ぼします。 15主はイスラエルを川面に揺らぐ葦のようにふるい、先祖にお与えになったこの良い地から根こそぎにして、ユーフラテス川の向こうに散らします。偶像の神々を造って、主を怒らせたからです。 16ヤロブアム王は罪を犯し、しかもイスラエルのすべての民をも巻き添えにしたので、主はイスラエルを捨てられるのです。」

17王妃がティルツァに帰り、家の敷居をまたいだとたん、その子どもは死にました。 18イスラエルのすべての民は、その死を悲しみました。主が預言者アヒヤによって語ったとおりになりました。

19ヤロブアム王のその他の業績、彼がどう戦い、どう治めたかなどは、『イスラエル諸王の年代記』に記録されています。 20ヤロブアムは二十二年の間王位にあったのち死に、その子ナダブが跡を継ぎました。

ユダの王レハブアム

21その間、ユダでは、ソロモンの子レハブアムが王となって治めていました。彼は四十一歳で王位につき、主がイスラエルのすべての町々の中から、ご自分の住まいとして選んだエルサレムで、十七年間、治めました。レハブアムの母はアモン人で、ナアマといいました。 22レハブアムが王位にある時、ユダの国民は、イスラエルの民と同じように罪を犯し、主を怒らせました。その罪は、先祖より悪質なものでした。 23あらゆる高い丘の上や茂った木の下に礼拝所や石柱、偶像を立てたのです。 24またその地には、同性愛が蔓延していました。ユダの民は、主がイスラエルから追い払われた異教徒のように堕落してしまったのです。

25レハブアム王の五年目、エジプトの王シシャクがエルサレムに攻め上って来て、 26神殿と宮殿を物色して回り、ソロモンの作った金の盾など、めぼしい財宝をみな奪い取りました。 27そのため、レハブアム王は青銅で代わりの盾を作り、それを宮殿の護衛兵にあてがいました。 28王が神殿に行くたびに、護衛兵はこの盾を持って王の前を進み、また控え室に戻すのです。

29レハブアム王のその他の業績は、『ユダ諸王の年代記』に記録されています。 30レハブアム王とヤロブアム王との間には、戦争が絶えませんでした。 31レハブアム王は死んで、先祖たちと同じようにエルサレムに葬られました。彼の母ナアマはアモン人でした。そのあと、息子アビヤムが王となりました。