Ɛster 9 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 9:1-32

Yudafo Nkonimdi

1Na Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no, wɔde ɔhene no mmara abien no yɛɛ adwuma. Saa da no na Yudafo no atamfo no ani da so sɛ wɔbɛsɛe wɔn, nanso ani danee. 2Yudafo no boaa wɔn ho ano wɔ wɔn nkuropɔn a ɛwɔ ɔhene amantam no mu no nyinaa so, bɔɔ wɔn ho ban de tiaa obiara a ɔpɛ sɛ ɔbɛhaw wɔn no. Nanso obiara antumi ansɔre antia wɔn, efisɛ na obiara suro wɔn. 3Esiane Mordekai ho hu nti, amantam so asafohene nyinaa, mmapɔmma, amradofo ne ɔhene adwumayɛfo nyinaa boaa Yudafo no. 4Efisɛ na wɔama Mordekai panyin wɔ ahemfi hɔ, ama ne din ahyeta amantam no nyinaa mu, bere a na ne tumi nso rekɔ soro.

5Yudafo no kunkum wɔn atamfo, sɛee wɔn wɔ afoa ano. Wokunkum wɔn atamfo, tɔree wɔn ase, na wɔyɛɛ wɔn a wɔtan wɔn no nea wɔpɛ biara. 6Wokunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban no mu. 7Wɔsan kunkum Parsandata, Dalfon ne Aspata, 8Porata, Adalia, Aridata, 9Parmasta, Arisai, Aridai ne Waisata 10a, wɔyɛ Hamedata babarima Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no mmabarima du no. Nanso wɔamfa asade biara.

11Bere a wɔbɔɔ ɔhene no amanneɛ a ɛfa nnipa dodow a wokum wɔn wɔ Susa aban mu ho anwummere no, 12ɔma wɔfrɛɛ Ɔhemmea Ɛster, na ɔka kyerɛɛ no se, “Yudafo no akunkum nnipa ahannum wɔ Susa aban mu nko ara ne Haman mmabarima du no. Sɛ wɔayɛ saa wɔ ha de a, ɛno de asɛm bɛn na asi wɔ amantam a aka no mu? Afei, dɛn bio na wohwehwɛ? Wɔde bɛma wo; ka kyerɛ me na mɛyɛ.”

13Na Ɛster kae se, “Ɔhempɔn, sɛ ɛsɔ wʼani a, ma Yudafo a wɔwɔ Susa no kwan na wɔnyɛ nea wɔyɛɛ no nnɛ no bio ɔkyena, na wɔmfa Haman mmabarima du no amu nsensɛn nnua so.”

14Na ɔhene no penee so, na wɔbɔɔ mmara no ho dawuru wɔ Susa. Wɔsan de Haman mmabarima du no amu sensɛn nnua so. 15Na Yudafo a wɔwɔ Susa no boaa wɔn ho ano Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so awotwe, na wɔsan kunkum nnipa ahaasa; na bio, wɔamfa asade biara.

16Saa bere no na Yudafo nkae a wɔwɔ Ɔhene no amantam mu nyinaa aboa wɔn ho ano, rebɔ wɔn nkwa ho ban. Wokum wɔn atamfo no mpem aduɔson anum, nam so nyaa ɔhome fii wɔn atamfo nsam. Nanso wɔamfa asade biara. 17Saa ara na wɔyɛɛ wɔ Adar ɔsram no (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason no wɔ amantam no nyinaa mu. Ade kyee no, wɔhomee, didii, gyee wɔn ani wɔ wɔn nkonimdi no ho.

18Nanso Yudafo a wɔwɔ Susa no toaa so kunkum wɔn atamfo no da a ɛto so abien no nso, na wɔhomee ne nnansa so de didii, gyee wɔn ani. 19Enti ebesi nnɛ yi, Yudafo a wɔtete nkuraa a wɔntoo afasu mfaa ho no di saa afirihyia dapɔnna yi. Wodi afoofi saa awɔwbere da yi mu, sɛpɛw wɔn ho, de akyɛde mema wɔn ho wɔn ho.

Purim Afahyɛ

20Mordekai kyerɛw saa nsɛm a esisii yi nyinaa, na wɔde nkrataa kɔmaa Yudafo a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyiri wɔ ɔhene no amantam nyinaa mu, 21hyɛɛ wɔn nkuran sɛ, wonni afirihyia afahyɛ yi wɔ saa nnaanu no mu. 22Ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔnhyɛ saa nna no ho fa a adidi ne ɔnom ka ho, na wɔmma wɔn ho wɔn ho ne ahiafo akyɛde. Eyi bɛma Yudafo no akae bere a wonyaa ogye fii wɔn atamfo nsam, wɔn awerɛhow dan anigye, na wɔn su bɛyɛɛ ahosɛpɛw no.

23Enti Yudafo no faa Mordekai adwenkyerɛ no, fii afirihyia amanne no ase. 24Efisɛ na Haman a ɔyɛ Agagni Hamedata babarima, a ɔyɛ Yudafo tamfo no apam sɛ ɔbɛyam wɔn, asɛe wɔn saa da no ne ɔsram a ɔnam ntontobɔ so nyae no. (Na wɔfrɛ saa ntonto no Purim). 25Nanso Ɛster baa ɔhene anim no, ɔhyɛɛ mmara, nam so maa Haman adwemmɔne no bɔɔ ne ti so, na wɔsɛn no ne ne mmabarima wɔ nnua so. 26(Ɛno nti na wɔfrɛ saa afahyɛ no Purim no, efisɛ ɛyɛ tete kasa a ne nkyerɛase ne ntontobɔ.) Esiane Mordekai krataa no ne osuahu a wɔanya no nti, 27Yudafo a wɔwɔ ahemman no mu no nyinaa penee so sɛ, wɔbɛhyɛ saa amanne no ho fa, na wɔama wɔn awo ntoatoaso ne wɔn a wɔbɛyɛ Yudafo no nyinaa abɛhyɛ bi. Wɔn nyinaa gye too mu sɛ, saa nnaanu a wɔayi ato hɔ sɛ wɔnhyɛ fa no wɔ afe biara mu no, wɔremma ɛmpa wɔn ti so da. 28Wɔbɛkae saa nna yi wɔ awo ntoatoaso nyinaa mu na ɛsɛ sɛ abusua biara a ɛwɔ amantam ne nkuropɔn wɔ ahemman no mu no di. Wɔrennyae saa nna yi di wɔ Yudafo mu, na nsɛm a esii no nso wɔn asefo werɛ remfi da.

29Na Ɔhemmea Ɛster, Abihail babea no ne Yudani Mordekai kyerɛw krataa foforo a wɔde ɔhemmea no tumi kɛse foaa krataa no so de hyɛɛ Purim afahyɛ no mu den. 30Ɛno akyi no, wɔsoma ma wɔde nkrataa a wɔde bɛma asomdwoe ne bammɔ aba, kɔɔ Yudafo a wɔwɔ amantam ɔha ne aduonu ason no a ɛwɔ Ahasweros ahemman mu no nyinaa so. 31Saa nkrataa yi ma Purim Afahyɛ a ɛyɛ afirihyiade a wodi no nnɛ yi ara no timii. Yudani Mordekai ne Ɔhemmea Ɛster na wɔhyɛɛ mmara no. (Nnipa no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛhyɛ saa fa yi, sɛnea wɔasi no gyinae ama wɔn ho ne wɔn asefo no, de ama mmuadadi ne agyaadwotwa mmere no atim.) 32Enti Ɛster mmara no sii Purim ho nhyehyɛe so dua, na wɔkyerɛw ne nyinaa guu nhoma mu.

Japanese Contemporary Bible

エステル 記 9:1-32

9

1-2いよいよ第十二の月の十三日がきました。王の二つの勅令が発効する日です。この日、ユダヤ人を征服しようと意気込んでいた敵の立場は、全く一変しました。ユダヤ人は自衛のために、全国各地の町々に結集しました。ユダヤ人にあえて手出しする者は一人もいません。全国民がユダヤ人を恐れたからです。 3諸州の指導者層である総督、役人、従臣たちはみなモルデカイを恐れていたので、進んでユダヤ人に手を貸しました。 4今やモルデカイは、宮中で大きな権力を持つようになり、その名声は諸州に鳴り響き、しかも、ますます勢力を伸ばしていたのです。

5ユダヤ人は、決起の日がくるといっせいに行動を起こし、片っぱしから彼らの敵を倒していきました。 6シュシャンでは五百人が殺されました。 7-10ハメダタの子である宿敵ハマンの子十人も殺されました。その名は次のとおりです。パルシャヌダタ、ダルフォン、アスパタ、ポラタ、アダルヤ、アリダタ、パルマシュタ、アリサイ、アリダイ、それにワユザタ。しかし人々は、ハマンの資産には手を出しませんでした。

11夜も遅く、シュシャンでの死者の数が報告されると、 12王は王妃エステルを呼び寄せて言いました。「シュシャンだけでも五百人、ユダヤ人に殺された。もちろんハマンの息子十人もだ。ここでさえこんな具合なら、ほかの州ではどうなっていることか! まだ何かしてほしいことがあるか。あれば、かなえやろう。遠慮なく申すがよい。」 13「もしよろしければ、もう一日、シュシャンにいるユダヤ人に、今日と同じようにさせてください。それから、ハマンの十人の息子を絞首台につるしてください。」 14王が承知したので、シュシャンでは勅令が下りて、ハマンの子たちはさらし者にされることになりました。 15シュシャンに住むユダヤ人は翌日も集まり、さらに三百人を殺しましたが、この時も財産には指一本ふれませんでした。

16一方、全州のユダヤ人も、シュシャンと同様、自衛のために団結して立ち上がり、敵対する七万五千人を剣にかけましたが、やはり相手方の持ち物には手を出しませんでした。 17このことは第十二の月の十三日、全州いっせいに行われたのです。翌日は特別な休日として祝宴を設け、勝利を祝いました。 18ただ、シュシャンにいるユダヤ人だけは二日目も敵を殺し、その翌日を休日として、祝い合ったのでした。 19こんなことから、今もイスラエルの地方の小さな村々では、毎年、この二日目を祝日とし、贈り物を交換し合うのです。

プリムの祭り

20さてモルデカイは、これらの出来事をすべて記録し、遠い近いには関係なく、全州のユダヤ人に手紙を送りました。 21モルデカイはこの手紙の中で、第十二の月の末の二日間を祝日と定め、 22この歴史的な日を記念して断食と贈り物の交換をしようと提唱しました。この日こそ、ユダヤ人が敵の手から救われ、悲しみが喜びに、嘆きが幸福に変えられた日だからです。

23ユダヤ人はモルデカイの提案どおり、毎年この習慣を守りました。 24-25ハマンがユダヤ人虐殺の日を、くじを投げて決めたこと、さらに、事の次第が明らかになった時、その陰謀がついえ去り、王命により、ハマンが自ら作った絞首台で処刑されたこと、息子たちもまた、さらし者となったことの記念日としたのです。 26こんなことから、この祝日は「プリム」と呼ばれるようになりました。くじを投げることを、ペルシヤ語で「プル」と言ったからです。 27国中のユダヤ人は、帰化した者も含め、毎年この二日間を、子々孫々に至るまで、祝日として守り抜こうと決心しました。 28こうしてこの行事は諸州に行き渡り、いつまでもこの出来事が、ユダヤ人の脳裏に鮮やかに刻まれることとなったのです。

29-31一方、王妃エステルは、プリムの祭りの制定についてモルデカイを支持するとの手紙を送りました。そのほかにも、百二十七州のユダヤ人を励ます善意に満ちた手紙を、モルデカイと王妃エステルの連名で出しました。ユダヤ人は進んで、この、国を挙げての断食と祈りの日を記念日とすることに決めました。 32こうしてエステルの命令で、祭りの日は正式に法令で定められたのです。