Ɛster 8 – AKCB & CCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 8:1-17

Mmara Foforo Boa Yudafo

1Da no ara, Ɔhene Ahasweros de Haman a ɔyɛ Yudafo tamfo no agyapade8.1 Saa bere no, Ɔhene no de ne nsa to obi a wɔabu no kumfɔ no agyapade so. maa Ɔhemmea Ɛster. Na afei, wɔde Mordekai baa ɔhene anim, efisɛ na Ɛster akyerɛ sɛnea ɔne no bɔ abusua fa. 2Ɔhene no worɔw kaa a ogye fii Haman nkyɛn no de hyɛɛ Mordekai. Na Ɛster yii Mordekai sɛ ɔno na ɔnhwɛ Haman agyapade so.

3Bio, Ɛster baa ɔhene no nkyɛn bɛhwee ne nan ase, de su srɛɛ no se, Haman pɔw a ɔbɔ de tiaa Yudafo no wɔmma wonnyae. 4Na ɔhene no soo sika ahempema no mu, de kyerɛɛ Ɛster so. Enti ɔsɔre gyinaa nʼanim 5kae se, “Sɛ mesɔ Ɔhempɔn ani na sɛ osusuw sɛ eye a, hyɛ mmara a etia sɛe a na Hamedata babarima Haman pɛ sɛ ɔsɛe Yudafo a wɔwɔ ɔhene amantam nyinaa no mu no. 6Na mɛyɛ dɛn atena ase ahwɛ sɛ wɔrekunkum me nkurɔfo ne mʼabusuafo, asɛe wɔn?”

7Na ɔhene Ahasweros ka kyerɛɛ Ɔhemmea Ɛster ne Yudani Mordekai se, “Mede Haman agyapade ama Ɛster, na wɔasɛn no wɔ dua so, efisɛ ɔpɛɛ sɛ ɔsɛe Yudafo. 8Afei, fa ɔhene din kyerɛw mmara foforo wɔ Yudafo no din mu, ka nea wopɛ biara wɔ mu, na fa ɔhene kaa no sɔw ano. Biribiara a wɔakyerɛw wɔ ɔhene din mu de ne kaa asɔw ano no, wɔnnan ani.”

9Enti Siwan ɔsram (bɛyɛ Ayɛwohomumɔ) da a ɛto so aduonu anum no, wɔfrɛɛ ɔhene akyerɛwfo. Mordekai kaa nsɛm no, na wɔkyerɛw mmara kɔmaa Yudafo ne mmapɔmma, amradofo ne mpasua no mu adwumayɛfo a wɔwɔ amantam ɔha aduonu ason no mu, efi India kosi Etiopia. Wɔkyerɛw mmara no wɔ kasa ahorow a nnipa no ka wɔ ahemman no mu, a Yudafo no ka ho. 10Mordekai de Ɔhene Ahasweros din na ɛkyerɛwee, na ɔde ɔhene no kaa sɔw ano. Ɔde nkrataa no somaa abɔfo ahoɔharefo a wɔtenatenaa apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene som no so.

11Ɔhene no mmara no maa Yudafo a wɔwɔ kurow biara so tumi ma wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu, bɔɔ wɔn nkwa ho ban. Wɔmaa wɔn ho kwan sɛ ɔman anaa ɔmantam biara a ebetu wɔn mma anaa wɔn yerenom so sa no, wɔwɔ ho kwan sɛ wokunkum wɔn, tɔre wɔn ase, fow wɔn atamfo no agyapade. 12Da pɔtee a wotu sii hɔ maa nneyɛe yi wɔ ɔhene Ahasweros mantam mu no yɛ Adar ɔsram (bɛyɛ Ɔbɛnem) da a ɛto so ason wɔ afe a na wɔrebesi mu no mu. 13Ɛsɛ sɛ wɔfa mmara yi sɛso wɔ ɔmantam biara mu sɛ mmara, na wɔda no adi kyerɛ ɔmanfo nyinaa. Sɛ ɛba saa a, saa da no, Yudafo no besiesie wɔn ho, atɔ wɔn atamfo so were.

14Ɔhene asɛm no nti, abɔfo no de apɔnkɔ a wɔayɛn wɔn ama ɔhene no tuu mmirikatɛntɛ. Wɔhyɛɛ mmara koro no ara bi wɔ Susa aban no mu.

15Na Mordekai hyɛɛ ahentade tuntum ne fufu ne sikakɔkɔɔ ahenkyɛw, na ɔhyɛɛ batakari tamkɔkɔɔ nguguso fɛfɛ bi guu so. Na ɔmanfo a wɔwɔ Susa no hyɛɛ mmara foforo no ho fa. 16Anigye ne ahosɛpɛw hyɛɛ Yudafo no ma, na wɔhyɛɛ wɔn anuonyam wɔ baabiara. 17Kuropɔn biara ne ɔmantam biara a ɔhene no mmara no dui no, Yudafo no sɛpɛw wɔn ho, hyɛɛ fa kɛse na wodii ho afoofi. Na asase no so nnipa bebree yɛɛ wɔn ho Yudafo, efisɛ na wosuro nea Yudafo no bɛyɛ wɔn.

Chinese Contemporary Bible (Simplified)

以斯帖记 8:1-17

犹太人获拯救

1当天,亚哈随鲁王把犹太人的仇敌哈曼的家产赐给以斯帖王后。末底改也来到王面前,因为以斯帖陈明了他们的亲属关系。 2王摘下自己的戒指,就是从哈曼手中取回的,赐给末底改以斯帖末底改管理哈曼的家产。

3以斯帖又俯伏在王的脚前,流泪哀求王废掉亚甲哈曼加害犹太人的阴谋。 4王向以斯帖伸出金杖,以斯帖就起来站在王面前, 5说:“王若愿意,我若得到王的恩宠,王若认为好,并且喜悦我,就请王降旨,废除亚甲哈米大他的儿子哈曼阴谋灭绝各省犹太人的谕旨。 6我怎能忍心看我本族的人受害?我怎能忍心看我的亲族被杀?” 7亚哈随鲁王对以斯帖王后和犹太末底改说:“我已把哈曼的家产赐给以斯帖,并把他吊在木架上了,因为他想害犹太人。 8现在,你们尽可奉王的名写谕旨给犹太人,用王的戒指盖印,因为奉王的名所写、用王的戒指盖印的谕旨是不可废除的。”

9三月,即西弯月二十三日,王的书记被召来,按照末底改的一切吩咐用各省的文字和各族的语言,包括犹太人的文字和语言写谕旨,传给从印度古实的一百二十七省的犹太人、总督、省长和官员。 10末底改亚哈随鲁王的名写谕旨,用王的戒指盖印,让信差骑王室快马送往各地。 11-12谕旨上说,王准许各城的犹太人在十二月,即亚达月十三日,聚集起来自卫,铲除、杀光、灭尽各族各省攻击他们的仇敌及其儿女、妻子,夺取仇敌的财物。 13谕旨的抄本颁布到各省,昭告各族,使犹太人在那天预备好向仇敌报仇。 14信差接到王的命令,急忙骑上王室快马上路。在书珊城也颁布了谕旨。

15末底改身穿蓝色和白色朝服,头戴大金冠,披着紫色细麻布外袍,从王那里出来,书珊城的人都欢呼雀跃。 16犹太人高兴欢喜,感到快乐光荣。 17各省各城,凡谕旨所到之处,犹太人都欢喜快乐,设宴庆祝。许多当地人因惧怕犹太人而入了犹太籍。