Ɛster 2 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 2:1-23

Wosi Ɛster Ɔhemmea

1Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyi yi no, ofii ase dwenee nea Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho. 2Na nʼasomfo susuw ho kyerɛɛ no se, “Ma yenwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmabun ahoɔfɛfo mfa wɔn mmrɛ ɔhene. 3Ɔhene nyi ananmusifo bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmea ahoɔfɛfo yi mmra ɔhene yerenom atenae wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ piamni no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuru. 4Ɛno akyi no, ababaa a ɔsɔ wʼani yiye no na wobesi no ɔhemmea, asi Wasti anan mu.” Saa afotu yi sɔɔ ɔhene no ani yiye, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so.

5Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ofi Benyamin abusuakuw mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. 6Ɔhene Nebukadnessar na otwaa nʼabusuafo ne Yudahene Yekonia ne afoforo bi asu fii Yerusalem kɔɔ Babilonia. 7Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfo bi a ne din de Hadasa a na wɔsan frɛ no Ɛster. Bere a nʼagya ne ne na wuwui no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetew no sɛ nʼankasa babea.

8Ɔhene no mmara a ɔhyɛe no nti, wɔde Ɛster ne mmabaa bebree baa ɔhene yerenom atenae wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa. 9Hegai ani gyee Ɛster ho yiye, maa ɔhwɛɛ no yiye. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduan sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuru kaa ho. Ɔsan de mfenaa baason a oyii wɔn fii ahemfi hɔ no maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa nea ɛhɔ ye pa ara wɔ mmea atenae hɔ.

10Ɛster anka ne man a ofi mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, efisɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ. 11Da biara Mordekai kɔnantew fa ahemfi no adiwo hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te dɛn.

12Ansa na wɔde ababaa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuru yɛ ne ho afe baako. Wɔde kurobow ngo yɛ ne ho asram asia na ɛno akyi no wɔde aduhuam ne nkum sononko bi ayɛ ne ho asram asia. 13Na sɛ edu bere a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atade anaa agude a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu. 14Anwummere no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na ade kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom te no. Ɛhɔ na ɔhene piamni foforo bi a wɔfrɛ no Saasgas na bɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn gye sɛ ɔhene no ani gye ne ho ansa na wabɔ ne din afrɛ no.

15Na eduu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ nea Hegai a ɔyɛ ɔhene piamni a ɔhwɛ mmea no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster). 16Bere a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfi hɔ Tebet ɔsram (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedi mfe ason so no, 17ɔhene no dɔɔ no sen mmabun a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kosii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛw, pagyaw no sɛ ɔhemmea, sii Wasti anan mu. 18Ahemmeasi no mu no, ɔtoo pon maa ne mmapɔmma ne asomfo nyinaa de hyɛɛ Ɛster anuonyam. Ɔmaa obiara akyɛde bebree, na ɔyɛɛ no afoofida wɔ amantam no nyinaa so.

19Mpo, bere a wɔde mmabaa no nyinaa kɔɔ mmea atenae a ɛto so abien no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ ɔpanyin wɔ ahemfi hɔ no, 20Ɛster ankyerɛ baabi a ofi ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotu no so sɛnea ɔyɛe bere a na ɔne no te no.

Mordekai Di Ɔhene Nokware

21Da koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfi no, ɔhene no piamfo baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kokoamfi no pon ano awɛmfo no bo fuw ɔhene Ahasweros, na wɔpam ne ti so sɛ wobekum no. 22Mordekai tee pɔwbɔ no, ɔbɔɔ ɔhemmea Ɛster amanneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai mo sɛ ɔbɛkaa asɛm no. 23Wɔkɔɔ asɛm no mu, huu sɛ asɛm a Mordekai bɛkae no yɛ nokware no, wɔsɛn mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔkyerɛw eyi nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedi abakɔsɛm nhoma mu.

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛster 2:1-23

Wɔsi Ɛster Ɔhemmaa

1Ɔhene Ahasweros bo tɔɔ ne yam akyire no, ɔhyɛɛ aseɛ dwenee deɛ Wasti ayɛ ne mmara a wɔahyɛ no ho. 2Na nʼasomfoɔ susuu ho kyerɛɛ no sɛ, “Ma yɛnwurawura ahemman yi mu, na yɛmpɛ mmaabunu ahoɔfɛfoɔ mfa wɔn mmrɛ ɔhene. 3Ɔhene nyi ananmusifoɔ bi wɔ ɔmantam biara mu, na wɔmfa mmaa ahoɔfɛfoɔ yi mmra ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa. Hegai a ɔyɛ opiani no na ɔbɛhwɛ wɔn so, ama wɔn ahosiesie nnuro. 4Ɛno akyi no, ababaawa a ɔsɔ wʼani yie no na wɔbɛsi no ɔhemmaa, asi Wasti ananmu.” Saa afotuo yi sɔɔ ɔhene no ani yie, enti ɔyɛɛ saa ntɛm so.

5Na Yudani bi a ɔyɛ Yair babarima a ne din de Mordekai te Susa aban no mu. Na ɔfiri Benyamin abusuakuo mu. Na ɔyɛ Kis ne Simei aseni. 6Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa nʼabusuafoɔ ne Yudahene Yekonia ne afoforɔ bi asuo firii Yerusalem kɔɔ Babilonia. 7Na saa ɔbarima yi wɔ onua hoɔfɛfoɔ bi a ne din de Hadasa a na wɔsane frɛ no Ɛster. Ɛberɛ a nʼagya ne ne maame wuwuiɛ no, Mordekai faa no kaa nʼabusua ho, tetee no sɛ nʼankasa babaa.

8Ɔhene no mmara a ɔhyɛeɛ no enti, wɔde Ɛster ne mmabaawa bebree baa ɔhene yerenom atenaeɛ wɔ Susa aban no mu, de wɔn hyɛɛ Hegai nsa. 9Hegai ani gyee Ɛster ho yie, ma ɔhwɛɛ no yie. Ntɛm ara, ɔma wɔmaa no aduane sononko, na ɔmaa no ahosiesie nnuro kaa ho. Ɔsane de mfenaa baason a ɔyii wɔn firii ahemfie hɔ maa no, na ɔde ɔno ne mfenaa no kɔtenaa deɛ ɛhɔ yɛ pa ara wɔ mmaa atenaeɛ hɔ.

10Ɛster anka ne ɔman a ɔfiri mu ne nʼabusua a ɔbɔ ankyerɛ obiara, ɛfiri sɛ na Mordekai abɔ nʼano sɛ ɔnnkyerɛ. 11Ɛda biara Mordekai kɔnante fa ahemfie no adihɔ hɔ, bisa Ɛster ase sɛ ne ho te sɛn.

12Ansa na wɔde ababaawa biara bɛkɔ ɔhene nkyɛn no, wɔma ɔde ahoɔfɛ nnuro yɛ ne ho afe. Wɔde kurobo ngo yɛ ne ho abosome nsia na ɛno akyi, wɔde aduhwam ne nku sononko bi ayɛ ne ho abosome nsia. 13Na sɛ ɛduru ɛberɛ a ɛsɛ sɛ ɔkɔ ɔhene nkyɛn a wɔma no kwan ma ɔfa atadeɛ anaa agudeɛ a ɔpɛ sɛ ɔde siesie ne ho, na ama nʼahoɔfɛ no adi mu. 14Anwummerɛ no, wɔde no kɔ ɔhene dabekyire, na adeɛ kye a, wɔde no akɔ baabi a ɔhene yerenom teɛ no. Ɛhɔ no, ɔhene piani foforɔ bi a wɔfrɛ no Saasgas na ɔbɛhwɛ no so. Na ɛhɔ na ɔbɛtena ne nkwa nna nyinaa a ɔrenkɔ ɔhene no nkyɛn bio, gye sɛ ɔhene no ani gyee ne ho yie ansa na wabɔ ne din afrɛ no.

15Na ɛduruu Ɛster a ɔyɛ Abihail ba no so no, wammisa hwee gye sɛ deɛ Hegai a ɔyɛ ɔhene piani a ɔhwɛ mmaa no so no tuu no fo wɔ ho no (Mordekai nua ne Abihail, na Mordekai nso ha ɔhwɛɛ Ɛster). 16Ɛberɛ a wɔde Ɛster kɔmaa ɔhene Ahasweros wɔ ahemfie hɔ Tebet bosome (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) mu a na ɛyɛ nʼadedie mfeɛ nson so no, 17ɔhene no dɔɔ no senee mmaabunu a wɔaka no nyinaa. Nʼani gyee ne ho ara kɔsii sɛ, ɔhyɛɛ no ahenkyɛ, pagyaa no sɛ ɔhemmaa, sii Wasti ananmu. 18Ahemmaasie no mu, ɔtoo ɛpono maa ne mmapɔmma ne asomfoɔ nyinaa de hyɛɛ Ɛster animuonyam. Ɔmaa obiara akyɛdeɛ bebree, na ɔyɛɛ no afahyɛ wɔ amantam no nyinaa so.

19Mpo, ɛberɛ a wɔde mmabaawa no nyinaa kɔɔ mmaa atenaeɛ a ɛtɔ so mmienu no mu no, na Mordekai nso abɛyɛ panin wɔ ahemfie hɔ no, 20Ɛster ankyerɛ baabi a ɔfiri ne abusua a ɔbɔ da. Ɔkɔɔ so dii Mordekai afotuo no so sɛdeɛ ɔyɛeɛ wɔ ɛberɛ a na ɔne no teɛ no.

Mordekai Di Ɔhene Nokorɛ

21Ɛda koro bi a Mordekai wɔ adwuma mu wɔ ahemfie no, ɔhene no apiafoɔ baanu a wɔn din de Bigtan ne Teres a na wɔyɛ ɔhene no kɔkoamfie no ɛpono ano awɛmfoɔ no bo fuu ɔhene Ahasweros, na wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛkum no. 22Mordekai tee atirisopam no, ɔbɔɔ ɔhemmaa Ɛster amaneɛ. Ɔno nso ka kyerɛɛ ɔhene no, na ɔmaa Mordekai amo sɛ ɔbɛkaa asɛm no. 23Wɔkɔɔ asɛm no mu, hunuu sɛ asɛm a Mordekai bɛkaeɛ no yɛ nokorɛ no, wɔsɛnee mmarima baanu no wɔ dua so. Wɔtwerɛɛ yei nyinaa hyɛɛ ɔhene Ahasweros adedie abakɔsɛm nwoma mu.