Ɛster 10 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛster 10:1-3

Ahasweros Ne Mordekai Kɛseyɛ

1Ɔhene Ahasweros hyɛɛ sɛ wontua tow wɔ nʼaheman mu, a mpo wɔn a wɔwɔ mpoano akyirikyiri no nyinaa ka ho. 2Ne mmaninyɛ ne Mordekai akunini nneyɛe ne sɛnea ɔhene pagyaw no no nyinaa no, wɔankyerɛw wɔ Media ne Persia ahemfo abakɔsɛm mu ana? 3Yudani Mordekai bɛyɛɛ ɔmanpanyin a ne tumi di ɔhene Ahasweros ankasa de akyi. Na odi mu wɔ Yudafo no mu. Na wobu no yiye, efisɛ na ne nkurɔfo yiyedi yɛ nʼahiasɛm. Na ɔne ahemfi hɔfo nyinaa tenaa yiye.