Ɛsra 9 – AKCB & NSP

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛsra 9:1-15

Ɛsra Bɔ Ahɔhoware Ho Mpae

1Na Yudafo ntuanofo no baa me nkyɛn bɛkae se, “Israelfo bebree, na mpo, asɔfo ne Lewifo ntwee wɔn ho mfii nnipa afoforo bi a wɔte asase no so no ho. Wodi akyiwade a na Kanaanfo, Hetifo, Perisifo, Yebusifo, Amonfo, Moabfo, Misraimfo ne Amorifo yɛ no akyi. 2Na Israelfo mmarima ware fi saa nnipa no mu, na wɔpɛ yerenom fi wɔn mu, ma wɔn mmabarima. Enti ananafo aware no ama nnipa kronkron no ho agu fi. Nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, mpanyimfo ne ntuanofo no koraa na wodi ho fɔ kɛse.”

3Metee saa asɛm no, misunsuan me ntade mu,9.3 Ntade mu sunsuan kyerɛ osu ne awerɛhowdi. tutuu me tinwi fii me ti so, tutuu mʼabogyesɛ nso, tew tenaa fam ahodwiriw so. 4Na wɔn a na wonya ayamhyehye wɔ Israel Nyankopɔn asɛm ho no bɛtenaa me nkyɛn wɔ ne nkurɔfo nokware a wɔanni no ho. Metenaa ase ahodwiriw so kosii anwummere afɔrebɔbere.

5Eduu afɔrebɔbere no, mesɔre gyinaa faako a na mete hɔ awerɛhow mu a masunsuan mʼatade mu no, na mibuu nkotodwe, maa me nsa so kyerɛɛ Awurade, me Nyankopɔn no. 6Mebɔɔ mpae se:

“Me Nyankopɔn, mʼani awu yiye, na mafɛre sɛ merema mʼani so kyerɛ wo. Na yɛn bɔne akɔ soro sen yɛn ti, na yɛn afɔdi adu ɔsorosoro. 7Yɛn abakɔsɛm nyinaa yɛ bɔne kɛse. Ɛno nti na yɛn ne yɛn ahemfo ne yɛn asɔfo de yɛn ho akɔhyɛ abosonsomfo ahemfo a wɔwɔ asase no so ase no. Wɔakunkum yɛn, wɔakyere yɛn nnommum, wɔabɔ yɛn korɔn, agu yɛn anim ase sɛnea yɛte nnɛ yi

8“Nanso mprempren, Awurade, yɛn Nyankopɔn, ayɛ yɛn adom ama yɛn mu kakra atena nkwa mu sɛ nkaase. Wabɔ yɛn ho ban wɔ beae kronkron ha. Yɛn Nyankopɔn abue yɛn ani, ama yɛn ahomegye kakra afi yɛn nkoasom mu. 9Efisɛ na yɛyɛ nkoa, nanso ne dɔ a ɔde dɔ yɛn daa no nti, Onyankopɔn annyaa yɛn wɔ yɛn nkoasom mu. Mmom, ɔmaa Persiahene hwɛɛ yɛn yiye. Ɔkanyan yɛn, sɛnea yebetumi asan asi yɛn Nyankopɔn asɔredan no, asiesie nʼamamfo no. Wama yɛn bammɔ afasu wɔ Yuda ne Yerusalem.

10“Na mprempren, yɛn Nyankopɔn, asɛm bɛn na yɛwɔ ka wɔ eyinom nyinaa akyi? Efisɛ yɛapo wo mmara nsɛm 11a wonam wʼasomfo adiyifo no so bɔɔ yɛn kɔkɔ sɛ, ‘Asase a mobɛfa no, nnipa a wɔte so no nam wɔn nneyɛe bɔne so agu ho fi koraa. Porɔwee ahyɛ asase no so ma, fi ti kosi ti. 12Enti mommma mo mmabea nware wɔn mmabarima, na mo mmabarima nso nware wɔn mmabea, na ɛnsɛ sɛ moboa saa aman no wɔ ɔkwan biara so, na yɛayɛ ɔman kɛse, adi asase no so nnepa, na yɛagyaw ama yɛn mma sɛ daapem agyapade.’

13“Nea ato yɛn yi fi yɛn amumɔyɛsɛm ne yɛn afɔdi. Nanso asotwe a wode ama yɛn no sua koraa sen sɛnea ɛfata yɛn, efisɛ wo Awurade, yɛn Nyankopɔn ama yɛn mu bi atena sɛ nkaase. 14Nanso mprempren, yɛresan abu wo mmara nsɛm so, na yɛne wɔn a wɔyɛ saa akyiwade no redi aware. Nokware, wʼabufuw bɛsɛe yɛn ara akosi sɛ, nkaefo kakra no ase bɛtɔre koraa. 15Awurade, Israel Nyankopɔn, woyɛ ɔtreneeni. Yɛnka hwee sɛ nkaefo a wɔafi nkoasom mu. Yɛde yɛn afɔdi gyina wʼanim a anka yɛn mu biara rentumi nnyina wʼanim wɔ saa tebea yi mu.”

New Serbian Translation

Јездрина 9:1-15

Јездрина молитва због женидбе са туђинкама

1Када се све ово завршило, приступили су ми главари и рекли: „Израиљски народ, свештеници и Левити се нису одвојили од народа земаљских и њихових одвратности, од Хананаца, Хетита, Фережана, Јевусеја, Амонаца, Моаваца, Египћана и Аморејаца. 2Узели су неке од њихових ћерки за себе и своје синове, па су помешали свети род са народима земаљским. У овом неверству су предњачили главари и достојанственици.“

3А ја, чим сам чуо за ову ствар, раздерао сам своју одећу и плашт, чупао косу са главе и браде, па сам сео као скамењен. 4Око мене су се окупили сви који су се бојали од речи Бога Израиља, због неверства повратника из изгнанства, а ја сам седео као скамењен све до вечерње жртве.

5А током вечерње жртве сам устао из своје понижености, па сам раздеране одеће и плашта, пао на колена и раширио руке Господу, мом Богу. 6Рекао сам:

„О, мој Боже! Срамота ме је и постиђен сам да бих подигао, о, мој Боже, своје лице к теби, јер су наше кривице нарасле преко главе и грех је наш велик до небеса. 7Још од времена наших очева у греху смо великом све до ових дана. Због наших кривица смо били дани ми, наши цареви и наши свештеници у руке царева земаљских – под мач, у изгнанство, за отимачину и срамоту све до данас.

8А сада, на трен нам је дошла милост од Господа, Бога нашег: да нам остави остатак; да нам да упориште у месту своје светости; да нам просветли очи наше Бог наш, и да нам да мало живнемо у свом робовању. 9Јер, ми смо робље, али у нашем робовању наш нас Бог није напустио: смиловао нам се пред царевима Персије да оживимо, да се подигне Дом нашег Бога и поправе његове рушевине, да нам да зид у Јуди и у Јерусалиму.

10И шта сад да кажемо, о, Боже наш, после овог?! Јер, напустили смо твоје заповести 11које си нам заповедио преко својих слугу, пророка: ’Земља у коју идете да је запоседнете је нечиста земља због нечистоће земаљских народа. Напунили су је својим одвратностима и нечистоћама с краја на крај. 12Зато не удајите своје ћерке за њихове синове нити узимајте њихове ћерке за своје синове. Не тражите трајни мир и корист са њима, да бисте остали јаки, да бисте јели добра земље и оставили је у наследство својим синовима довека.’

13И после свега тога што је дошло на нас, због наших злодела и наших великих греха, ипак си нас, Боже наш, поштедео више него што су наше кривице заслужиле, и дао нам остатак као што је овај. 14Зар да узвратимо кршењем твојих заповести и орођавамо се са народима оваквих одвратности? Зар се не би разгневио на нас и докрајчио нас тако да више не буде ни остатка ни преживелих? 15О, Господе, Боже Израиљев, ти си праведан јер смо преостали као остатак, као што је данас. Ево нас пред тобом у нашим гресима и због тога не можемо да стојимо пред тобом.“