Ɛsra 8 – AKCB & ASCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛsra 8:1-36

Nnommum A Wɔne Ɛsra Bae

1Eyinom ne abusua mu ntuanofo ne anato ahorow a ɔhene Artasasta di ade no, wɔne me fi Babilonia bae:

2Pinehas asefo mu no:

Gersom;

Itamar asefo mu no:

Daniel.

Dawid asefo mu no:

Sekania babarima Hatus.

3Paros asefo mu no:

Sakaria ne mmarima afoforo bi ɔha aduonum.

4Pahat-Moab asefo mu no:

Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforo bi ahannu.

5Satu asefo mu no:

Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforo bi ahaasa.

6Adin asefo mu no:

Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforo bi aduonum.

7Elam asefo mu no:

Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforo bi aduɔson.

8Sefatia asefo mu no:

Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforo bi aduɔwɔtwe.

9Yoab asefo mu no:

Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforo bi ahannu ne dunwɔtwe.

10Bani asefo mu no:

Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforo bi ɔha aduosia.

11Bebai asefo mu no:

Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforo bi aduonu awotwe.

12Asgad asefo mu no:

Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforo bi ɔha ne du.

13Adonikam asefo a wotwa to no:

wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia a, mmarima afoforo bi aduosia ka wɔn ho.

14Bigwai asefo mu no:

Utai ne Sakur a mmarima afoforo bi aduɔson ka wɔn ho.

15Meboaa nnommum no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛma wɔtenaa hɔ nnansa, bere a merehwɛ nnipa no ne asɔfo a wɔabedu hɔ no din mu no, mihuu sɛ Lewifo no mu baako mpo antu ne ho ansi hɔ. 16Enti mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfo no ntuanofo no. Mesan soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ nimdefo no nso; 17na mema wɔkɔɔ Ido a na otua Lewifo no ano no nkyɛn wɔ Kasifia. Mekyerɛɛ wɔn nea wɔnka nkyerɛ Ido ne nʼabusuafo ne asɔredan no mu asomfo no wɔ Kasifia, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ahwɛfo bɛbrɛ yɛn wɔ yɛn Nyankopɔn fi. 18Esiane sɛ Onyankopɔn adom nsa wɔ yɛn so no nti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmabarima ne ne nuabarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafo a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni, 19ne Merari asefo Yesaia, Hasabia ne ne mmabarima ne ne nuabarimanom aduonu 20ne asɔredan no mu asomfo ahannu ne aduonu bae. Na asɔredan mu asomfo no yɛ Lewifo no aboafo a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfo kuw bi a Dawid na ɔfaa wɔn kan. Wɔkyerɛw wɔn nyinaa din.

21Na Ahawa Suka no ho no, mehyɛɛ sɛ yenni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpae sɛ ɔbɛma yɛakodu dwoodwoo, na wabɔ yɛn ne yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebetu kwan no ho ban. 22Na mefɛree sɛ mebisa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafo ne apɔnkɔsotefo na wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɔkwan so, efisɛ na yɛaka akyerɛ ɔhene no se, “Yɛn Nyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuwhyew no tia wɔn a wɔpo no.” 23Enti yedii mmuada, bɔɔ mpae srɛɛ yɛn Nyankopɔn wɔ eyi ho, na otiee yɛn mpaebɔ.

24Na miyii asɔfo no ntuanofo dumien a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfo afoforo du a wɔka wɔn ho 25sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ hweaseammɔ ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufo, ne ntuanofo ne Israelfo de ama Onyankopɔn fi no so. 26Mede agude no rema wɔn no, mekarii na mihuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkaribo tɔn aduonu anan, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, sikakɔkɔɔ nkaribo pɔn mpem ahanson ne ahannum, 27sikakɔkɔɔ hweaseammɔ aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ nnwetɛbona apem bo yɛ pɛ, kɔbere nneɛma abien a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ ankasa.

28Na meka kyerɛɛ saa asɔfo yi se, “Wɔayi mo ne saa agyapade yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ koma pa mu afɔrebɔde a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Nyankopɔn. 29Monhwɛ saa agyapade yi so yiye, na momfa mma asɔfo mpanyin, Lewifo ne Israel ntuanofo wɔ adekorae a ɛwɔ Yerusalem asɔredan no mu no.” 30Enti asɔfo no ne Lewifo no gye too wɔn ho so sɛ wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.

31Yefii Ahawa Suka atenae hɔ Ab ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so dunkron, sii mu kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn fii atamfo ne akwamukafo nsam. 32Enti yekoduu Yerusalem dwoodwoo, homee wɔ hɔ nnansa.

33Yeduu no, ne nnaanan so no, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfo Meremot ne Pinehas babarima Eleasar ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifo no nsa. 34Wɔkan biribiara dodow, karii mu duru, kyerɛw biribiara.

35Na wɔn a wofi nnommum mu bae no de anantwi dumien, adwennini aduɔkron asia ne nguantenmma aduɔson ason, bɔɔ ɔhyew afɔre, maa Israel Nyankopɔn. Afei, wɔmaa mmirekyi dumien sɛ bɔne ho afɔrebɔde. Wɔde eyinom nyinaa bae sɛ ɔhyew afɔre maa Awurade. 36Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanyimfo ne amradofo a wɔwɔ asu Eufrate agya no, na wɔn nyinaa yɛɛ baako boaa Onyankopɔn asɔredan no si.

Asante Twi Contemporary Bible

Ɛsra 8:1-36

Asutwafoɔ A Wɔne Ɛsra Baeɛ

1Yei ne abusua mu ntuanofoɔ ne abusuadua ahodoɔ a ɔhene Artasasta di adeɛ no, wɔne me firi Babilonia baeɛ:

2Pinehas abusua mu no:

Gersom;

Itamar abusua mu no:

Daniel.

Dawid abusua mu no:

Sekania babarima Hatus.

3Paros abusua mu no:

Sakaria ne mmarima afoforɔ ɔha aduonum.

4Pahat-Moab abusua mu no:

Serahia babarima Eliehoenai ne mmarima afoforɔ ahanu.

5Satu abusua mu no:

Yahasiel babarima Sekania ne mmarima afoforɔ ahasa.

6Adin abusua mu no:

Yonatan babarima Ebed ne mmarima afoforɔ aduonum.

7Elam abusua mu no:

Yesaia babarima Atalia ne mmarima afoforɔ aduɔson.

8Sefatia abusua mu no:

Mikael babarima Sebadia ne mmarima afoforɔ aduɔwɔtwe.

9Yoab abusua mu no:

Yehiel babarima Obadia ne mmarima afoforɔ ahanu ne dunwɔtwe.

10Bani abusua mu no:

Yosifia babarima Selomit ne mmarima afoforɔ ɔha aduosia.

11Bebai abusua mu no:

Bebai babarima Sakaria ne mmarima afoforɔ aduonu nwɔtwe.

12Asgad abusua mu no:

Hakatan babarima Yohanan ne mmarima afoforɔ ɔha ne edu.

13Adonikam abusua a wɔbaa akyire no:

wɔn din de Elifelet, Yeiel, ne Semaia, a mmarima afoforɔ aduosia ka wɔn ho.

14Bigwai abusua mu no:

Utai ne Sakur a mmarima afoforɔ aduɔson ka wɔn ho.

15Meboaa asutwafoɔ no ano wɔ Ahawa nsukwan no so, na yɛmaa wɔtenaa hɔ nnansa wɔ ɛberɛ a merehwɛ nnipa no ne asɔfoɔ a wɔabɛduru hɔ no din mu no. Manhunu Lewifoɔ no mu baako mpo wɔ hɔnom. 16Enti, mesoma ma wɔkɔfrɛɛ Elieser, Ariel, Semaia, Elnatan, Yarib, Elnatan, Natan, Sakaria ne Mesulam, a wɔyɛ ɔmanfoɔ no ntuanofoɔ no. Mesane soma ma wɔkɔfrɛɛ Yoiarib ne Elnatan, a na wɔyɛ anyansafoɔ pa bi no nso. 17Mede wɔn kɔmaa Ido a na ɔtua Lewifoɔ ano no, wɔ Kasifia, bisaa ɔne nʼabusuafoɔ ne asɔredan no mu asomfoɔ no sɛ wɔmmrɛ yɛn asɔfoɔ mfa wɔn nkɔyɛ Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu adwuma. 18Esiane sɛ Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa wɔ yɛn so no enti, wɔbrɛɛ yɛn ɔbarima bi a ne din de Serebia, a ne mmammarima ne ne nuammarimanom dunwɔtwe ka ne ho. Na ɔyɛ onyansafoɔ a ɔyɛ Mahli a na ɔyɛ Israel babarima Lewi no aseni. 19Afei, wɔmaa Merari asefoɔ Yesaia, Hasabia ne ne mmammarima ne ne nuammarima aduonu 20ne asɔredan no mu asomfoɔ ahanu ne aduonu baeɛ. Na asɔredan mu asomfoɔ no yɛ Lewifoɔ no aboafoɔ a na wɔyɛ asɔredan mu adwumayɛfoɔ kuo bi a Dawid na ɔfaa wɔn kane. Wɔtwerɛɛ wɔn nyinaa din.

21Na Ahawa Nsuka no so, mehyɛɛ sɛ yɛnni mmuada, na yɛmmrɛ yɛn ho ase mma Onyankopɔn. Yɛbɔɔ mpaeɛ sɛ ɔbɛma yɛakɔduru dwoodwoo, na wabɔ yɛn, yɛn mma ne yɛn nneɛma a yɛde rebɛtu kwan no ho ban. 22Na mefɛree sɛ mebisaa ɔhene no sɛ ɔmma yɛn asraafoɔ ne apɔnkɔsotefoɔ sɛ wɔnka yɛn ho mmɔ yɛn ho ban wɔ ɛkwan so. Nokorɛm, na yɛaka akyerɛ ɔhene no sɛ, “Yɛn Onyankopɔn bɔ wɔn a wɔsom no no ho ban, na nʼabufuhyeɛ no tia wɔn a wɔgya no.” 23Enti, yɛdii mmuada, bɔɔ mpaeɛ nokorɛ mu, sɛ yɛn Onyankopɔn bɛhwɛ yɛn, na ɔtiee yɛn mpaeɛbɔ.

24Na meyii asɔfoɔ no ntuanofoɔ dumienu a wɔne Serebia, Hasabia ne asɔfoɔ afoforɔ edu a wɔka wɔn ho, 25sɛ wɔnhwɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ atam ne nneɛma a ɛka ho a ɔhene no nʼagyinatufoɔ, ne ntuanofoɔ ne Israelfoɔ de rekɔkyɛ Onyankopɔn asɔredan no so. 26Mede agudeɛ no rema wɔn no, mekariiɛ na mehunuu sɛ emu duru yɛ: dwetɛ nkariboɔ tɔno aduonu mmienu, sikakɔkɔɔ nkuku ne nkaka nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, sikakɔkɔɔ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa ne ahanan, 27sikakɔkɔɔ atam aduonu a ɛne sikakɔkɔɔ pranpran apem boɔ yɛ pɛ, kɔbere nneɛma mmienu a wɔabere ho ma ɛrekɔyɛ sɛ sikakɔkɔɔ amapa.

28Na meka kyerɛɛ saa asɔfoɔ yi sɛ, “Wɔayi mo ne saa agyapadeɛ yi nyinaa asi nkyɛn sɛ ade kronkron ama Awurade. Saa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ yi yɛ akoma pa mu afɔrebɔdeɛ a wɔde rema Awurade, yɛn agyanom Onyankopɔn. 29Monhwɛ saa agyapadeɛ yi so yie, na momfa mma asɔfoɔ mpanin, Lewifoɔ ne Israel ntuanofoɔ wɔ adekoraeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no mu wɔ Yerusalem no.” 30Enti, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ no gye too wɔn ho so sɛ, wɔde saa Onyankopɔn asɔre sika no bɛkɔ Yerusalem.

31Yɛfirii Ahawa Nsuka atenaeɛ hɔ Ab bosome (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛtɔ so dunkron, hyɛɛ aseɛ kɔɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn ahummɔborɔ nsa no bɔɔ yɛn ho ban, gyee yɛn firii atamfoɔ ne akwanmukafoɔ nsam. 32Enti, yɛkɔduruu Yerusalem dwoodwoo, homee hɔ nnansa.

33Yɛduruiɛ no, ne nnanan so, wɔkarii dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenneɛ a aka no wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na wɔde hyɛɛ Uria babarima ɔsɔfoɔ Meremot ne Pinehas babarima Eleasa ne Yesua babarima Yosabad ne Binui babarima Noadia a wɔn baanu no yɛ Lewifoɔ no nsa. 34Wɔkanee biribiara dodoɔ, karii ne mu duru, twerɛɛ biribiara.

35Na asutwafoɔ a wɔfiri nnommum mu baeɛ no de anantwie dumienu, nnwennini aduɔkron nsia ne nnwammaa aduɔson nson, bɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Israel Onyankopɔn. Afei, wɔmaa mpapo dumienu sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ. Wɔde yeinom nyinaa baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ, maa Awurade. 36Wɔde ɔhene no mmara no maa ne mpanimfoɔ ne amradofoɔ a wɔwɔ asuo Eufrate atɔeɛ fam, na wɔn nyinaa yɛɛ baako, boaa Onyankopɔn asɔredan no sie.