Ɔsɛnkafo 7 – AKCB & CCBT

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 7:1-29

Nimdeɛ

1Din pa yɛ sen aduhuam papa,

na owuda yɛ sen awoda.

2Eye sɛ obi bɛkɔ ayi ase

sen sɛ ɔbɛkɔ aponto ase,

efisɛ owu yɛ onipa biara nkrabea

na ɛsɛ sɛ ateasefo hyɛ eyi nsow.

3Awerɛhow ye sen ɔserew,

efisɛ anim a ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ de koma mu nsiesie pa ba.

4Onyansafo koma wɔ ayi ase,

nanso nkwaseafo koma wɔ ahosɛpɛwfo fi.

5Eye sɛ wobetie onyansafo animka

sen sɛ wobetie nkwaseafo dwom.

6Sɛnea nsɔe turuturuw wɔ ɔsɛn ase no

saa ara na nkwaseafo serew te.

Eyi nso yɛ ahuhude.

7Asisi ma onyansafo dan ɔkwasea,

na kɛtɛasehyɛ sɛe koma.

8Asɛm awiei ye sen ne mfiase,

na ntoboase ye sen ahantan.

9Mma wo koma nsɔre ntɛmntɛm,

na abufuw da nkwaseafo srɛ so.

10Nka se, “Adɛn nti na tete nna no ye sen nnɛ mmere yi?”

Onyansafo mmisa nsɛm sɛɛ.

11Nimdeɛ, ɛyɛ ade pa sɛ agyapade ara pɛ,

so wɔ mfaso ma wɔn a wohu owia.

12Sɛnea nimdeɛ yɛ bammɔ no,

saa ara na sika nso te;

nanso nhumu ho ade a eye ne sɛ:

nea ɔwɔ nimdeɛ no bɔ ne nkwa ho ban.

13Dwene nea Onyankopɔn ayɛ ho:

Hena na obetumi ateɛ

nea wɔama akyea?

14Mmere pa mu, ma wʼani nnye;

nanso mmere bɔne mu, hu sɛ

Onyankopɔn na wayɛ ne nyinaa.

Ɛno nti onipa rentumi nhu

nea ɛbɛto no daakye.

15Me nkwanna a ɛyɛ ahuhude yi mu, mahu nneɛma abien:

Ɔtreneeni a owu wɔ ne trenee mu,

ne omumɔyɛfo a ɔtena ase kyɛ wɔ nʼamumɔyɛ mu.

16Nyɛ wo ho ɔtreneeni ntra so,

na nyɛ wo ho onyansafo mmoro so;

adɛn nti na wosɛe wo ho?

17Nyɛ omumɔyɛfo ntra so,

na nyɛ ɔkwasea nso,

adɛn nti na ɛsɛ sɛ wuwu ansa na wo bere aso.

18Eye sɛ wubeso baako no mu den

nanso nnyaa nea aka no mu.

Onipa a osuro Onyankopɔn no besiw nneyɛe mmoroso nyinaa ano.

19Nimdeɛ ma onyansafo baako tumi bebree

sen kuropɔn mu asodifo du.

20Onipa treneeni biara nni asase so a

ɔyɛ papa na ɔnyɛ bɔne da.

21Mfa nea nnipa ka nyinaa nyɛ asɛm,

anyɛ saa a wobɛte sɛ wo somfo redome wo,

22na wunim wɔ wo koma sɛ

wo nso woadome nkurɔfo mpɛn bebree.

23Mede nimdeɛ asɔ eyinom nyinaa ahwɛ, na mekae se,

“Masi mʼadwene pi sɛ mɛyɛ onyansafo”

nanso na eyi boro me so.

24Sɛnea nimdeɛ te biara,

ɛwɔ akyiri na emu dɔ,

hena na obetumi ahwehwɛ ahu?

25Afei meyɛɛ mʼadwene sɛ mɛte ase,

ayɛ nhwehwɛmu na mapɛɛpɛɛ nimdeɛ ne sɛnea nneɛma nhyehyɛe te

na mate amumɔyɛ mu agyimisɛm ase,

ne nkwaseasɛm mu adammɔsɛm nso.

26Mahu nea ɛyɛ nwene sen owu;

ɔbea a ɔyɛ afiri;

ne koma yɛ nnaadaa

na ne nsa yɛ mpokyerɛ.

Onipa a ɔsɔ Onyankopɔn ani no renkɔ ne ho

nanso ɔbɔnefo de ɔbɛtɔ nʼafiri mu.

27Ɔsɛnkafo no se, “Hwɛ eyi ne nea mahwehwɛ ahu:

“Mekekaa nneɛma bobɔɔ so pɛɛ sɛ mihu sɛnea nneɛma nhyehyɛe te,

28mereyɛ nhwehwɛmu,

na minhu hwee no,

mihuu ɔbarima treneeni baako wɔ mmarima apem mu,

nanso manhu ɔbea treneeni biara wɔ wɔn mu.

29Eyi nko ara na mahu:

Onyankopɔn yɛɛ adesamma atreneefo,

nanso nnipa adan wɔn ho hwehwɛ nhyehyɛe foforo.”

Chinese Contemporary Bible (Traditional)

傳道書 7:1-29

1美好的名聲勝過珍貴的膏油,

人死之日勝過出生之時。

2探望喪家勝過參加宴席,

因為死亡是每個人的結局,

活著的人要把這事銘記在心。

3哀傷勝過歡笑,

因為哀傷磨煉人的心靈。

4智者的心思考生死大事,

愚人的心只顧作樂。

5聽智者的責備,

勝過聽愚人的頌歌。

6愚人的笑聲像鍋底下燒荊棘的噼啪聲。

這也是虛空。

7欺壓使智者變愚昧,

賄賂敗壞人心。

8事情的結局勝過事情的開端;

恆久忍耐勝過心驕氣傲。

9不要輕易發怒,

因為愚人心懷怒氣。

10不要問為什麼過去比現在好,

因為這樣問不明智。

11智慧如同產業一樣美好,

有益於得見日光的世人。

12智慧如同金錢,

是一種保障,

能保全智者的生命。

這就是知識的好處。

13你應當思想上帝的作為,

因為上帝弄彎的,

誰能使它變直呢?

14順境時要快樂,

逆境時要思想:

兩者都是上帝的安排,

好叫人不能預知將來。

15在我虛空的一生中,我見過義人行義,反而滅亡;惡人行惡,卻享長壽。 16為人不要過分正直,也不要過於聰明,何必自取毀滅呢? 17不要過分邪惡,也不要做愚人,何必時候未到就死呢? 18最好是持守這個教訓也不放鬆那個教訓,因為敬畏上帝的人必避免兩個極端。 19智慧使一個智者比城裡十個官長更有能力。 20誠然,在地上無法找到一個一生行善、從未犯罪的義人。 21你不要斤斤計較別人所說的每一句話,免得聽見你的僕人咒詛你, 22因為你心裡知道自己也曾多次咒詛別人。 23我用智慧試驗過這一切。我說:「我要做智者」,誰知智慧卻離我甚遠。 24智慧如此遙不可及、深不可測,誰能找得到呢? 25我用心去認識、探究、追尋智慧和事物的原委,並去認識邪惡帶來的愚昧和無知帶來的狂妄。 26我發現有的婦人比死亡更苦毒,她是個陷阱,心如網羅,手像鎖鏈。敬畏上帝的人避開她,罪人卻被她俘虜。 27-28傳道者說:「看啊,我事事反復探索,要查明萬事之理,卻沒有尋獲。但我發現在一千個男子中還可以找到一位正直人,在眾女子中卻未找到一位。 29我只發現一件事,上帝造的人本來正直,人卻找出各種詭計。」