Ɔsɛnkafo 4 – AKCB & JCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɔsɛnkafo 4:1-16

Nhyɛso, Adwumaden, Ankonam

1Bio, mehwɛ mihuu nhyɛso a ɛrekɔ so wɔ owia yi ase:

Mihuu wɔn a wɔredi wɔn nya no nusu

na wonni ɔwerɛkyekyefo biara;

tumi no wɔ wɔn nhyɛsofo no nsam

na wonni ɔwerɛkyekyefo biara.

2Na mekae se: Awufo a

wɔawuwu dedaw no,

ani gye sen ateasefo;

wɔn a wɔda so wɔ nkwa mu no.

3Na nea oye sen baanu yi

ne nea onnya mmae,

nea onnya nhuu bɔne a

wɔyɛ wɔ owia yi ase.

4Na mihuu sɛ adwumayɛ mu ɔbrɛ ne nea onipa tumi yɛ nyinaa nnyinaso ne sɛ nʼani bere ne yɔnko. Eyi nso yɛ ahuhude, mmirika a wotu taa mframa.

5Ɔkwasea bobɔw ne nsa gu ne ho

na ɔsɛe ne ho.

6Nsammua baako a asomdwoe wɔ mu

ye sen nsammua abien a ɔbrɛ bata ho;

ɛte sɛ nea wotaa mframa.

7Afei nso mihuu biribi a ɛnka hwee wɔ owia yi ase:

8Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔyɛ ankonam;

onni ɔbabarima anaa onuabarima.

Nʼadwumaden amma nʼawie da,

nanso nʼani ansɔ nʼahonya.

Obisaa ne ho se, “Na hena na merebrɛ ama no,

na adɛn nti na mede anigye kame me kra?”

Eyi nso yɛ ahuhude,

ɛyɛ ɔhaw kwa.

9Baanu ye sen ɔbaakofo,

efisɛ wonya wɔn brɛ so mfaso a ɛsɔ ani:

10Sɛ ɔbaako hwe ase a

ne yɔnko betumi aboa no.

Nanso onipa a ɔhwe ase a

onni ɔboafo no, yɛ mmɔbɔ.

11Bio, sɛ baanu da bɔ mu a wɔka wɔn ho hyew.

Na ɛbɛyɛ dɛn na ankonam bɛka ne ho hyew?

12Ɔbaakofo de, wobetumi aka no ahyɛ

nanso baanu tumi pere wɔn ti.

Hama a wɔawɔ no mmɛsa no, wontumi ntetew mu ntɛm.

Nkɔso Yɛ Adehunu

13Ɔbabun nyansafo a odi hia ye sen ɔhene akwakoraa a ɔyɛ ɔkwasea na ontie kɔkɔbɔ bio. 14Ebia na ɔbabun no fi afiase na obedii ade anaasɛ wɔwoo no too ohia mu wɔ adehye abusua mu. 15Mihuu sɛ wɔn a wɔtenaa ase na wɔnantew owia yi ase nyinaa dii ɔbabun no akyi, nea odii ɔhene no ade no. 16Nnipadɔm a wontumi nkan wɔn dii nʼakyi. Nanso nkyirimma no ani annye ne ho. Eyi nso yɛ ahuhude, ɛte sɛ wotaa mframa.

Japanese Contemporary Bible

伝道者の書 4:1-16

4

しいたげと労苦と冷酷さ

1次に私は、世界中で行われているしいたげと悲しみを見ました。しいたげられている人が涙を流しても、だれも手を貸そうとしません。一方で、しいたげる者たちはしっかりと手を組んでいます。 2私は、死んだ人のほうが生きている人よりましだと思いました。 3一番幸福なのは、生まれて来なかった人で、地上の悪を見たことのない人です。

4次に私は、物事を成功させる原動力がねたみであることを知りました。これもまたむなしいことで、風を追いかけるようなものです。

5-6愚か者は、いっこうに働こうとせず、

餓死寸前のところをさまよう。

しかし結局は、

むなしいの一語に尽きるような労働を続けるより、

のんびりその日暮らしをするほうがましだ。

7愚かしく思えることが、もう一つあります。 8息子も兄弟もいない一人暮らしの人が、さらに金持ちになろうと目の色を変えている場合です。この人は、だれに全財産を残そうというのでしょう。全く割の合わない、憂うつな話です。

9二人が手を組めば、一人の人の倍以上のことができます。結果から見れば、二人のほうがずっといいのです。 10二人なら片方が倒れても、もう一方が起こせます。ところが、一人のときに倒れてしまうと、だれにも起こしてもらえず、何とも惨めです。

11また、寒い夜、二人が一枚の毛布でもかぶって寝れば、お互いの体温で暖かくなります。しかし一人では、どうにも暖まることができません。 12一人では、攻撃を受けると負けてしまいます。しかし二人なら、背中合わせになって戦うことができ、相手に勝つことができます。三人なら、なおいいのです。三つ撚りの糸は、めったなことでは切れないからです。

地位を得ることはむなしい

13貧しくても賢い若者は、どんな忠告も受けつけない、年取った愚かな王よりましです。 14そのような若者は、牢獄から出て立身出世することでしょう。それどころか、生まれが卑しくても、王にさえなれるかもしれません。 15こんな若者なら、たとい王位を奪うことになっても、人々は喜んで協力するに違いありません。 16こうして彼は、幾百万もの人の指導者となり、非常に有名になるかもしれません。ところが次の世代の人は、彼を追放してしまいます。これもまたむなしいことで、風を追いかけるようなものです。